Exodus 3:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ+ bi a ɛredɛreɛ mu. Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ nkyɛkyerɛ no redɛre nanso ɛnhye. Deuteronomium 4:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Na Yehowa mo Nyankopɔn te sɛ egya a ɛhye adeɛ;+ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔne obiara nkyɛ ne som.+ Hesekiel 1:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Mehunuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ gonn,+ na na biribi te sɛ egya wɔ emu nyinaa,+ ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de rekɔ soro; na ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de reba fam nso mehunuu biribi te sɛ egya, na na ne ho nyinaa ayɛ hyɛnn. Hebrifoɔ 12:29 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn te sɛ egya a ɛhye adeɛ+ nso.
2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ+ bi a ɛredɛreɛ mu. Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ nkyɛkyerɛ no redɛre nanso ɛnhye.
27 Mehunuu biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ gonn,+ na na biribi te sɛ egya wɔ emu nyinaa,+ ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de rekɔ soro; na ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene de reba fam nso mehunuu biribi te sɛ egya, na na ne ho nyinaa ayɛ hyɛnn.