Exodus
3 Ná Mose hwɛ n’ase+ Yetro+ a ɔyɛ Midian sɔfoɔ no nnwan. Da bi a ɔde nnwan no nam ɛserɛ so rekɔ atɔeɛ fam no, ɔkɔpuee nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ+ Horeb+ ho. 2 Afei Yehowa bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nkyɛkyerɛ+ bi a ɛredɛreɛ mu. Berɛ a ɔhwɛɛ adeɛ no dinn no, ɔhunuu sɛ nkyɛkyerɛ no redɛre nanso ɛnhye. 3 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Ma menkɔhwɛ anwanwadeɛ kɛseɛ yi, na menhunu deɛ enti a nkyɛkyerɛ no nhyeɛ.”+ 4 Berɛ a Yehowa hunuu sɛ ɔrebɛn hɔ akɔhwɛ no, ntɛm ara Onyankopɔn frɛ firii nkyɛkyerɛ no mu sɛ: “Mose! Mose!” na ɔbuaa sɛ: “Menie.”+ 5 Na ɔkaa sɛ: “Mmɛn ha. Yi wo nan ase mpaboa, na baabi a wogyina no yɛ asase kronkron.”+
6 Na ɔtoaa so sɛ: “Mene w’agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, Isak Nyankopɔn, ne Yakob Nyankopɔn.”+ Afei Mose de n’anim huntaeɛ, ɛfiri sɛ na ɔsuro sɛ ɔbɛhwɛ nokorɛ Nyankopɔn no. 7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokorɛm no mahunu me nkurɔfoɔ a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wɔsie berɛ a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Menim wɔn brɛ nyinaa.+ 8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ. 9 Na hwɛ! mate Israelfoɔ no sufrɛ, na mahunu ahokyerɛ a Egyptfoɔ de aba wɔn soɔ no.+ 10 Afei bra na mensoma wo Farao nkyɛn na kɔyi me man Israelfoɔ no firi Egypt.”+
11 Na Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Mene hwan a merekɔ Farao anim sɛ merekɔyi Israelfoɔ afiri Egypt?”+ 12 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mɛdi w’akyi,+ na deɛ ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma woɔ nie:+ Sɛ wonya de ɔman no firi Egypt ba a, mobɛsom nokorɛ Nyankopɔn no wɔ bepɔ yi so.”+
13 Na Mose bisaa nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sɛ mekɔ Israelfoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ ‘Mo agyanom Nyankopɔn asoma me mo nkyɛn’ na wɔbisa me sɛ, ‘Ne din de sɛn?’+ a, asɛm bɛn na menka nkyerɛ wɔn?” 14 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: “MƐYƐ ME HO DEƐ MEPƐ SƐ MEYƐ.”+ Na ɔde kaa ho sɛ: “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘MƐYƐ na asoma me mo nkyɛn.’”+ 15 Afei Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ:
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn,+ ne Yakob Nyankopɔn+ na asoma me mo nkyɛn.’ Yei ne me din de kɔsi daa,+ na yei na wɔmfa nkae me awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.+ 16 Kɔ na kɔboa Israel mpanimfoɔ ano na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yehowa, mo agyanom Nyankopɔn, Abraham, Isak, ne Yakob Nyankopɔn ayi ne ho adi akyerɛ me+ sɛ, “Deɛ wɔde reyɛ mo Egypt nyinaa m’ani tua, na mɛdi mo akyi.+ 17 Enti deɛ mereka ne sɛ, mɛgye mo afiri amanehunu+ a Egyptfoɔ de aba mo soɔ no mu de mo akɔ Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ,+ Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.”’+
18 “Wɔbɛtie wo.+ Afei wo ne Israel mpanimfoɔ no nkɔ Egypt hene hɔ, na monka nkyerɛ no sɛ, ‘Yehowa, Hebrifoɔ+ Nyankopɔn no ne yɛn akasa,+ enti yɛsrɛ wo ma yɛntwa nnansa kwan nkɔ serɛ so nkɔbɔ afɔdeɛ mma Yehowa yɛn Nyankopɔn.’+ 19 Nanso menim sɛ Egypt hene remma mo kwan gye sɛ nsa a ɛyɛ den hyɛ no ansa.+ 20 Enti mɛtene me nsa+ abɔ Egypt ayɛ anwanwadeɛ pii wɔ hɔ; afei ɔbɛma moakɔ.+ 21 Na mɛma nkurɔfoɔ yi anim aba nyam Egyptfoɔ anim, na sɛ morefiri hɔ akɔ a, morenkɔ no nsapan.+ 22 Israelni baa biara mmisa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika ayɛ ne ntoma mfiri ne fipamfoɔ ne ɔbaa hɔhoɔ a ɔte ne fie no hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mma mmarima ne mo mma mmaa; monwerɛ Egyptfoɔ ho.”+