Exodus
4 Na Mose buaa sɛ: “Na sɛ wɔannye me anni na wɔantie me,+ na wɔka sɛ ‘Yehowa nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo’ nso ɛ?” 2 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na ɛkura woɔ yi?” Na ɔbuaa sɛ “Ɛyɛ poma.”+ 3 Ɛnna ɔkaa sɛ: “To twene fam.” Enti ɔto twenee fam, na ɛdanee ɔwɔ;+ ɛnna Mose dwane firii hɔ. 4 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa sɔ ne dua mu.” Na ɔtenee ne nsa sɔɔ ne dua mu, na ɛdanee poma wɔ ne nsam. 5 Na ɔkaa sɛ: “Ɛno bɛma wɔagye adi sɛ Yehowa wɔn agyanom Nyankopɔn,+ Abraham Nyankopɔn,+ Isak Nyankopɔn+ ne Yakob Nyankopɔn+ no ayi ne ho adi akyerɛ wo.”+
6 Na Yehowa ka kyerɛɛ no bio sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ wo kokom.” Enti ɔde ne nsa hyɛɛ ne kokom. Ɔyiiɛ no, na kwata ayɛ ne nsa ho fitaa sɛ sukyerɛmma!+ 7 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Fa wo nsa san hyɛ wo kokom.” Na ɔde ne nsa san hyɛɛ ne kokom. Na berɛ a ɔyi firii ne kokom no, na kwata no kɔ ama ne nsa ho ayɛ sɛ ne honam baabiara!+ 8 Na ɔkaa sɛ: “Sɛ wɔantie wo na wɔannye sɛnkyerɛnne a ɛdi kan no anni a, sɛnkyerɛnne a ɛtɔ so mmienu no deɛ, wɔbɛgye adi.+ 9 Na sɛ wɔannye nsɛnkyerɛnne mmienu yi anni na wɔantie wo+ a, kɔsa Nil asubɔnten mu nsuo na hwie gu asase kesee so, na nsuo a wosa firii Nil asubɔnten no mu no bɛdane mogya wɔ asase kesee so.”+
10 Afei Mose ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Yehowa, mesrɛ wo, ɛbɛsi nnɛ ne berɛ a wo ne w’akoa rekasa yi mpo, m’ano nte, ɛfiri sɛ me kasa yɛ nyaa na me kɛtrɛma yɛ duru.”+ 11 Ɛnna Yehowa bisaa no sɛ: “Hwan na ɔyɛɛ ano maa onipa, na hwan na ɔyɛ mum anaa sotifoɔ anaa deɛ ɔhunu adeɛ anaa nifirani? Ɛnyɛ me Yehowa?+ 12 Enti kɔ, na worekasa a, mɛka wo ho na makyerɛ wo deɛ ka.”+ 13 Nanso ɔkaa sɛ: “Yehowa, sɛ obi foforɔ wɔ hɔ a wobɛsoma no a, mesrɛ wo soma no.” 14 Ɛnna Yehowa bo fuu Mose, na ɔkaa sɛ: “Wo nua Lewini Aaron+ nni hɔ? Menim sɛ ɔnim kasa. Na ɔnam kwan so mpo rebɛhyia wo. Sɛ ɔhu wo a, n’ani bɛgye n’akomam.+ 15 Wo ne no nkasa na fa asɛm no hyɛ n’ano,+ na sɛ worekasa a, mɛka wo ho, na ɔno nso rekasa a, mɛka ne ho,+ na mɛkyerɛ mo deɛ monyɛ.+ 16 Ɔbɛyɛ wo kyeame ama ɔman no; ɔno na ɔbɛyɛ ano ama woɔ+ na wo nso woayɛ sɛ Onyankopɔn ama no.+ 17 Na fa poma yi kura na wode ayɛ nsɛnkyerɛnne no.”+
18 Afei Mose san kɔɔ n’ase Yetro hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ:+ “Mesrɛ wo, mepɛ sɛ mesan kɔ me nuanom a wɔwɔ Egypt no nkyɛn kɔhwɛ sɛ wɔda so te ase+ anaa.” Ɛnna Yetro ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Fa asomdwoeɛ kɔ.”+ 19 Na Yehowa ne Mose kasaa wɔ Midian sɛ: “San kɔ Egypt, ɛfiri sɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo kra no nyinaa awuwu.”+
20 Ɛnna Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenaa afunumu so, na ɔsiim de n’ani kyerɛɛ Egypt. Na ɔfaa nokorɛ Nyankopɔn no poma no kuraeɛ.+ 21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+ 22 Na ka kyerɛ Farao sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Israel yɛ me ba, me ba panin.+ 23 Mese wo sɛ: Ma me ba no kwan ma no nkɔsom me. Na sɛ woamma no kwan ankɔ a, mɛku wo ba panin.”’”+
24 Na ɛbaa sɛ wɔduruu kwan no so ahomegyebea+ bi no, Yehowa bɛhyiaa no+ na ɔpɛɛ sɛ ɔku no.+ 25 Ɛnna Sipora+ faa boɔ bi a ano yɛ nnam de twaa ne ba no twetia+ na ɔmaa no kaa ne nan, na ɔkaa sɛ: “Woyɛ mogya ayeforɔkunu ma me.” 26 Ɛnna ɔgyaa no. Na twetiatwa no nti Sipora kaa sɛ: “Woyɛ mogya ayeforɔkunu.”
27 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Kɔhyia Mose wɔ serɛ so.”+ Enti ɔkɔhyiaa no wɔ nokorɛ Nyankopɔn no bepɔ+ so na ɔfee n’ano. 28 Na Mose kaa nsɛm a Yehowa de asoma no+ ne nsɛnkyerɛnne a wahyɛ sɛ ɔnyɛ+ nyinaa kyerɛɛ Aaron. 29 Enti Mose ne Aaron kɔboaboaa Israel mpanimfoɔ nyinaa ano.+ 30 Na Aaron kaa nsɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa,+ na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ no wɔ nkurɔfoɔ no anim. 31 Ɛbaa saa no nkurɔfoɔ no gye diiɛ.+ Na berɛ a wɔtee sɛ Yehowa adane n’ani+ aba Israelfoɔ so na wahunu wɔn amanehunu+ no, wɔbɔɔ wɔn mu ase de wɔn anim butuu fam.+