22 Berɛ a Onyankopɔn hunuu sɛ ɔrekɔ no, ne bo fuiɛ, na Yehowa bɔfoɔ bɛgyinaa kwan no mfimfini sɛ ɔbɛsi no kwan.+ Nanso ɔno deɛ, na ɔte n’afunumu so reba a ne nkoa mmienu ka ne ho.
16 Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu Yehowa bɔfoɔ+ no sɛ ɔgyina ɔsoro ne asase ntam atwe ne nkrantɛ+ akura ne nsam, na ɔde akyerɛ Yerusalem soɔ. Ntɛm ara na Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira atweaatam+ no de wɔn anim butubutuu fam.+