Numeri
22 Afei Israelfoɔ tu kɔtenaa Moab serɛ so+ wɔ Yordan agya a ɛhwɛ Yeriko no. 2 Na Sipor ba Balak+ hunuu deɛ Israelfoɔ de yɛɛ Amorifoɔ nyinaa. 3 Ɛsiane sɛ na Israelfoɔ dɔɔso nti, na Moab suro paa, na Israelfoɔ ho hu tɔɔ Moab so maa wɔn ani bereeɛ.+ 4 Ɛnna Moab ka kyerɛɛ Midian mpanimfoɔ+ sɛ: “Saa asafo yi bɛwe deɛ atwa yɛn ho ahyia nyinaa sɛdeɛ nantwie we serɛ mono no.”
Saa berɛ no na Sipor ba Balak+ na ɔdi Moab so hene. 5 Enti ɔsomaa nnipa kɔɔ Petor+ a ɛbɛn asubɔnten kɛseɛ+ a ɛwɔ ne manfoɔ asase soɔ no kɔfrɛɛ Beor ba Balaam+ sɛ: “Hwɛ! Nkurɔfoɔ bi firi Egypt aba. Na baabiara a wobɛto w’ani ahwɛ biara, wɔahyɛ asase no so mã.+ Wɔaduru me hwene ano pɛɛ. 6 Enti mesrɛ wo bra bɛdome+ wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Ebia mɛtumi adi wɔn so apamo wɔn afiri asase no so, na menim sɛ obiara a wobɛhyira no bɛnya nhyira, na obiara a wobɛdome no nso bɛnya nnome.”+
7 Enti Moab ne Midian mpanimfoɔ faa abisa no ho sika+ kuraeɛ, na wɔkɔɔ Balaam+ nkyɛn kɔkaa deɛ Balak aka no kyerɛɛ no. 8 Wɔwieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monna ha anadwo yi, na deɛ Yehowa bɛka biara, mɛba abɛka akyerɛ mo.”+ Enti Moab mpanimfoɔ no tenaa Balaam nkyɛn.
9 Afei Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn, na ɔbisaa no sɛ:+ “Nnipa bɛn na wɔwɔ wo nkyɛn yi?” 10 Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no sɛ: “Sipor ba Balak+ a ɔyɛ Moab hene no na wasoma wɔn aba me nkyɛn sɛ, 11 ‘Nkurɔfoɔ bi firi Egypt aba. Na baabiara a wobɛto w’ani ahwɛ biara, wɔahyɛ asase no so mã.+ Enti bra bɛbɔ wɔn dua ma me.+ Ebia mɛtumi ne wɔn ako apamo wɔn afiri asase no so.’” 12 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Nni wɔn akyi nkɔ. Nnome wɔn,+ na wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔahyira wɔn.”+
13 Na Balaam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanimfoɔ no sɛ: “Monkɔ mo man mu, ɛfiri sɛ Yehowa mpene so sɛ me ne mo bɛkorɔ.” 14 Enti Moab mpanimfoɔ no sɔre kɔbɔɔ Balak amanneɛ sɛ: “Balaam ampene so ne yɛn amma.”+
15 Afei Balak somaa mpanimfoɔ foforɔ a wɔdɔɔso na wɔn anim yɛ nyam sene wɔn a wɔdi kan no. 16 Na wɔn nso baa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sipor ba Balak se, ‘Mesrɛ wo, mma biribiara nnsi wo kwan, bra! 17 Hwɛ, mɛhyɛ wo animuonyam kɛse,+ na biribiara a wobɛka akyerɛ me no mɛyɛ.+ Enti mesrɛ wo bra bɛbɔ nkurɔfoɔ yi dua ma me.’” 18 Nanso Balaam buaa Balak nkoa no sɛ: “Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ mu mã ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa me Nyankopɔn asɛm so nyɛ ade ketewa anaa kɛseɛ biara.+ 19 Mo nso monna ha anadwo yi na menhwɛ deɛ Yehowa bɛsan aka akyerɛ me.”+
20 Na Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ frɛ ara na mmarima yi abɛfrɛ wo a, sɔre na wo ne wɔn nkɔ. Nanso asɛm a mɛka akyerɛ woɔ nko ara na ka.”+ 21 Enti Balaam sɔree anɔpa siesiee n’afunumu, na ɔne Moab mpanimfoɔ no kɔeɛ.+
22 Berɛ a Onyankopɔn hunuu sɛ ɔrekɔ no, ne bo fuiɛ, na Yehowa bɔfoɔ bɛgyinaa kwan no mfimfini sɛ ɔbɛsi no kwan.+ Nanso ɔno deɛ, na ɔte n’afunumu so reba a ne nkoa mmienu ka ne ho. 23 Afunumu no hunuu sɛ Yehowa bɔfoɔ atwe ne nkrantɛ gyina kwan no mu,+ enti ɔde n’ani kyerɛɛ wuram. Nanso Balaam hwee afunumu no sɛdeɛ ɔbɛsan asi kwan mu. 24 Na Yehowa bɔfoɔ no bɛgyinaa kwan ketewa bi mu wɔ bobe nturo ntam, na na ɔfasuo wɔ benkum ne nifa. 25 Afunumu no hunuu sɛ Yehowa bɔfoɔ no da so gyina hɔ, na ɔkɔfam ɔfasuo no ho maa Balaam nan ka miaa ɔfasuo no. Yei maa no hwee aboa no bio.
26 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no kɔɔ n’anim kɔgyinaa kwan ketewa no mfimfini, na na wɔntumi mfa nifa anaa benkum. 27 Na berɛ a afunumu no hunuu Yehowa bɔfoɔ no, ɔdaa fam wɔ Balaam ase. Enti Balaam bo fuiɛ+ na ɔde ne poma hwee afunumu no. 28 Afei Yehowa buee afunumu no ano,+ na ɔbisaa Balaam sɛ: “Mayɛ wo dɛn na woahwe me mprɛnsa yi?”+ 29 Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ afunumu no sɛ: “Wo tirim yɛ den ntira. Sɛ nkrantɛ bi kura me a, anka sɛsɛɛ maku wo!”+ 30 Afunumu no bisaa Balaam sɛ: “Ɛnyɛ w’afunumu ne me? Na wontenaa me so wo nkwa nna nyinaa bɛsi nnɛ? Woahunu sɛ mayɛ wo saa pɛn?”+ Ɛnna ɔbuaa sɛ: “Dabi!” 31 Afei Yehowa buee Balaam ani,+ na ɔhunuu sɛ Yehowa bɔfoɔ kura nkrantɛ gyina kwan no mu. Ɛhɔ ara na ɔde n’anim butuu fam.
32 Ɛnna Yehowa bɔfoɔ no bisaa no sɛ: “W’afunumu no ayɛ wo dɛn na woahwe no mprɛnsa yi? Hwɛ! Me na masi wo kwan, ɛfiri sɛ woatwi afa me so.+ 33 Berɛ a afunumu no hunuu me no, ɔbɔɔ mmɔden mprɛnsa sɛ ɔbɛmane afiri m’anim akɔ nkyɛn.+ Sɛ wamfiri m’anim ankɔ nkyɛn a, anka saa berɛ yi maku wo+ ama ɔno deɛ, mama no nam hɔ.” 34 Balaam tee yei no, ɔka kyerɛɛ Yehowa bɔfoɔ no sɛ: “Mayɛ bɔne,+ na na mennim sɛ wo na woabɛhyia me kwan soɔ. Sɛ wompɛ sɛ mekɔ a, ma mensan.” 35 Nanso Yehowa bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ deɛ mɛka akyerɛ woɔ nko ara na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanimfoɔ no toaa so kɔeɛ.
36 Balak tee sɛ Balaam aba no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa no Moab kurom wɔ Arnon nsuo ano, ɔman no hyeɛ so.+ 37 Afei Balak bisaa Balaam sɛ: “Mansoma sɛ wɔmmɛfrɛ wo? Adɛn nti na woamma? Ɛyɛ wo sɛ mentumi nhyɛ wo animuonyam anaa?”+ 38 Ɛnna Balaam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Afei maba. Na me deɛ, ɛdeɛn na mɛtumi aka?+ Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ m’ano no, ɛno ara na mɛka.”+
39 Enti Balaam dii Balak akyi kɔɔ Kiriat-Husot. 40 Afei Balak de anantwie ne nnwan bɔɔ afɔdeɛ+ na ɔde bi kɔmaa Balaam ne mpanimfoɔ a wɔka ne ho no. 41 Na adeɛ kyee anɔpa no Balak kɔfaa Balaam de no kɔgyinaa Bamot-Baal+ na ama no ahunu nnipa no nyinaa.+