Numeri
23 Afei Balaam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Yɛ afɔrebukyia nson wɔ ha+ na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.” 2 Na Balak yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no ntɛm ara. Afei Balak ne Balaam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+ 3 Ɛnna Balaam san ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Gyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho+ na mereba. Ebia Yehowa bɛhyia me aka biribi akyerɛ me.+ Ɛba saa a, biribiara a ɔbɛkyerɛ me no mɛka akyerɛ wo.” Na ɔkɔgyinaa kokoɔ pradaa bi so.
4 Berɛ a Onyankopɔn hyiaa Balaam+ no, Balaam ka kyerɛɛ no sɛ: “Mayɛ afɔrebukyia nson, na mede nantwinini baako ne odwennini baako abɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.”+ 5 Na Yehowa de n’asɛm hyɛɛ Balaam anom,+ na ɔkaa sɛ: “San kɔ Balak nkyɛn kɔka asɛm yi kyerɛ no.”+ 6 Enti ɔsan kɔɔ ne nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔne Moab mpanimfoɔ nyinaa gyinagyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho. 7 Afei ɔkaa no anwensɛm+ mu sɛ:
“Moab hene Balak bɛfaa me firii Aram,+
Ɔde me firi apueeɛ fam mmepɔ so baa sɛ:
‘Bra bɛdome Yakob ma me.
Bra bɛbɔ Israel tiri so mmusuo.’+
8 Nanso wɔn a Onyankopɔn mmɔɔ wɔn dua no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn dua?+
Na wɔn a Yehowa mmɔɔ wɔn tiri so mmusuo no, mɛyɛ dɛn abɔ wɔn tiri so mmusuo?+
9 Megyina abotan soɔ no, mehuu wɔn,
Na megyina nkokoɔ soɔ no, na m’ani tua wɔn.
Wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔate wɔn ho,+
Na wɔmfa wɔn ho mfra amanaman no.+
10 Hwan na watumi abu Yakob mfuturo ano,+
Na hwan na watumi akan Israel nkyɛmu nnan mu baako?
Ma me kra nwu ateneneefoɔ wuo,+
Na ma no nwie me sɛ wɔn.”+
11 Ɛnna Balak bisaa Balaam sɛ: “Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Mefrɛɛ wo sɛ bɛbɔ m’atamfo dua ma me, nanso wode nhyira adware wɔn.”+ 12 Na ɔbuaa no sɛ: “Ɛnyɛ deɛ Yehowa de bɛhyɛ m’ano na ɛsɛ sɛ meka?”+
13 Afei Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo bra ma yɛnkɔgyina baabi foforɔ a wobɛhu wɔn. Na ɛhɔ deɛ, worenhu wɔn nyinaa; wɔn mu kakraa bi na wobɛhu wɔn.+ Na bɔ wɔn dua ma me.”+ 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim kɔgyinaa bepɔ Pisga+ so, na ɔyɛɛ afɔrebukyia nson de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+ 15 Akyire yi ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: “Wo deɛ, gyina wo hyeɛ afɔdeɛ ho na menkɔtie deɛ ɔbɛka.” 16 Na Yehowa hyiaa Balaam de n’asɛm hyɛɛ n’anom, na ɔkaa sɛ:+ “San kɔ Balak nkyɛn+ kɔka asɛm yi kyerɛ no.” 17 Enti ɔsan kɔɔ ne nkyɛn kɔhunuu sɛ ɔne Moab mpanimfoɔ nyinaa gyinagyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho. Na Balak bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn na Yehowa kaeɛ?” 18 Afei ɔkaa no anwensɛm mu sɛ:+
“Sɔre tie, Balak.
Yɛ aso ma me, Sipor ba.+
19 Onyankopɔn nyɛ onipa na wadi atorɔ,+
Na ɔnyɛ ɔdasani na wanu ne ho.+
Waka biribi a ɔrenyɛ anaa?
Na waka asɛm bi a ɔremma no mma mu anaa?+
21 Ɔhunuu sɛ mmusuo+ bi reba Yakob so,
Na ɔhunuu sɛ amaneɛ bi reba Israel so.
Ne Nyankopɔn Yehowa ka ne ho,+
Na ne mu na wɔbɔ gye ɔhene bi soɔ.
23 Obiara ntumi nto Yakob adu,+
Na obiara ntumi nhyɛ abosonkɔm ntia Israel.+
Afei wɔbɛka afa Yakob ne Israel ho sɛ,
‘Monhwɛ deɛ Onyankopɔn ayɛ!’+
24 Hwɛ, ɔman bi bɛsɔre agyina sɛ gyata,
Na ɔbɛma ne mu so sɛ gyata.+
Ɔrenna hɔ gye sɛ wakye aboa bi awe,
Na ɔbɛnom wɔn a waku wɔn no mogya.”+
25 Afei Balak ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Sɛ wontumi mmɔ no dua a gyae, na nhyira no nso.” 26 Balaam nso buaa no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ, ‘Deɛ Yehowa bɛka biara mɛyɛ’?”+
27 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Mesrɛ wo bra. Ma memfa wo nkɔ baabi foforɔ. Ebia ɛhɔ deɛ nokorɛ Nyankopɔn no bɛpene ama woabɔ no dua ama me.”+ 28 Enti Balak de no foro kɔɔ Peor a ɛhwɛ Yesimon+ no so. 29 Afei Balaam+ ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Yɛ afɔrebukyia nson wɔ ha na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me.”+ 30 Na Balak yɛɛ deɛ Balaam kaeɛ no, na ɔde nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+