21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam mununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam egya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛmaa wɔnantee awia ne anadwo.+
9 Na ɔkaa sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim adom a, ɛnneɛ mesrɛ wo ka yɛn ho ma yɛnkɔ,+ ɛfiri sɛ nnipa yi kɔn asene.+ Yehowa, fa yɛn mfomsoɔ ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapadeɛ.”+