Exodus
13 Na Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Ɔbarima biara a ɔbue yafunu ano wɔ Israel, ne aboa nini biara a ɔdi kan no, hyira so ma me. Ɛyɛ me dea.”+
3 Na Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monkae da a wɔyii mo firii Egypt+ nkoafie no, ɛfiri sɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii mo firii ha.+ Enti monnni biribiara a mmɔreka wom.+ 4 Morefiri ha nnɛ wɔ bosome Abib mu.+ 5 Na sɛ Yehowa de wo duru Kanaanfoɔ ne Hitifoɔ ne Amorifoɔ ne Hiwifoɔ ne Yebusifoɔ+ asase a nufosuo ne ɛwoɔ+ sene soɔ a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ+ no so a, yɛ saa amanneɛ yi wɔ bosome yi mu. 6 Di paanoo a mmɔreka nnim nnanson,+ na da a ɛtɔ so nson no yɛ Yehowa afahyɛ.+ 7 Enti di paanoo a mmɔreka nnim nnanson;+ na ɛnsɛ sɛ wɔhunu biribiara a mmɔreka wom wɔ wo ho+ w’asase so baabiara.+ 8 Saa da no, ka kyerɛ wo ba sɛ, ‘Deɛ Yehowa yɛ maa me berɛ a mefirii Egypt no nti na mereyɛ yei.’+ 9 Ma no nyɛ sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyekyere wo nsa ne nkaeɛ adeɛ a ɛwɔ wo moma soɔ+ na ama Yehowa mmara aka w’anom,+ ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt.+ 10 Na afe biara, berɛ no duru a, kae na di saa ahyɛdeɛ yi so.+
11 “Afei sɛ Yehowa de wo duru Kanaanfoɔ+ asase so, sɛdeɛ waka wo ne w’agyanom ntam+ no, na ɔde ma wo a, 12 fa ɔbarima biara a ɔbue yafunu ano no ma Yehowa,+ ne wo mmoa mmakan+ nso. Anini no yɛ Yehowa dea.+ 13 Afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu.+ Na wo babarima biara a ɔyɛ abakan deɛ, tɔ no.+
14 “Na sɛ akyire yi wo ba bisa wo+ sɛ, ‘Yei kyerɛ sɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii yɛn firii Egypt+ nkoafie.+ 15 Na Farao pirim n’akoma kaa sɛ ɔremma yɛnkɔ,+ enti Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asase so,+ ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a ɛbue yafunu ano+ nyinaa bɔ afɔdeɛ ma Yehowa no, nanso m’abakan biara deɛ, metɔ no.’+ 16 Ma no nyɛ sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyekyere wo nsa ne nkaeɛ adeɛ a ɛbɔ wo moma soɔ,+ ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii yɛn firii Egypt.”+
17 Na berɛ a Farao maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ no, Onyankopɔn amfa wɔn amfa Filistifoɔ asase so, ɛwom sɛ na ɛhɔ yɛ tia deɛ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn kaa sɛ: “Sɛ ɛko bi si a, nkurɔfoɔ no bɛnu wɔn ho sɛ wɔbaeɛ, na wɔbɛsan akɔ Egypt.”+ 18 Enti Onyankopɔn maa wɔkɔnwonwan faa ɛserɛ so wɔ Po Kɔkɔɔ+ no ho. Nso berɛ a Israelfoɔ no firi Egypt reba nyinaa, na wɔahyehyɛ wɔn ho sɛ asafodɔm.+ 19 Na Mose faa Yosef nnompe kaa ne ho, ɛfiri sɛ na wama Israelfoɔ no aka ntam, na ɔkaa sɛ: “Onyankopɔn bɛdane n’ani aba mo so.+ Na monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afiri ha akɔ.”+ 20 Afei wɔfirii Sukot kɔsoɛɛ Etarm, wɔ ɛserɛ no ano.+
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam mununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam egya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛmaa wɔnantee awia ne anadwo.+ 22 Na mununkum dum no amfiri wɔn anim awia, na egya dum no nso amfiri wɔn anim anadwo.+