Dwom 135:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Yah ayi Yakob afa,+Na ɔde Israel ayɛ n’agyapadeɛ titire.+ Luka 1:68 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 68 “Nhyira nka Yehowa, Israel Nyankopɔn,+ sɛ wama n’ani aba ne nkurɔfoɔ+ so na wagye+ wɔn. Luka 7:16 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 16 Afei ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ+ kɛseɛ bi so yɛn mu,” na “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.”+
16 Afei ehu+ kaa wɔn nyinaa, na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam sɛ: “Wɔama odiyifoɔ+ kɛseɛ bi so yɛn mu,” na “Onyankopɔn ama n’ani aba ne nkurɔfoɔ so.”+