Exodus
13 Yehowa san ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Abakan biara a ɔyɛ ɔbarima* wɔ Israel no, hyira ne so* ma me. Sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔdi kan oo, sɛ aboa a ɔyɛ onini a ɔdi kan oo, ɛyɛ me dea.”+
3 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monkae da a wɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt no,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii mo firii ha.+ Enti ɛnsɛ sɛ modi biribiara a mmɔka* wom. 4 Morefiri ha nnɛ wɔ bosome Abib* mu.+ 5 Sɛ Yehowa de mo duru Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so+ a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma mo no so a,+ monyɛ saa amanneɛ yi wɔ bosome yi mu. 6 Ɛsɛ sɛ modi paanoo a mmɔka nnim nnanson,+ na da a ɛtɔ so nson no mobɛdi Yehowa afahyɛ. 7 Enti monni paanoo a mmɔka nnim nnanson;+ na ɛnsɛ sɛ wɔhunu biribiara a mmɔka wom wɔ mo nkyɛn+ wɔ mo asaase so baabiara. 8 Saa da no, ka kyerɛ wo ba sɛ, ‘Deɛ Yehowa yɛ maa me berɛ a mefirii Egypt no nti na mereyɛ wei.’+ 9 Na wei bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so* a ɛbɛkae wo.+ Wei bɛma woaka Yehowa mmara ho asɛm, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt. 10 Afe biara, berɛ no duru a, kae na di saa ahyɛdeɛ yi so.+
11 “Sɛ Yehowa de wo duru Kaananfoɔ asaase so, sɛdeɛ waka wo ne w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo no a,+ 12 abakan biara a ɔyɛ ɔbarima,* ne nyɛmmoa anini a wɔdi kan a wobɛnya no, fa ma Yehowa. Wɔyɛ Yehowa dea.+ 13 Afunumu ba a ɔdi kan deɛ, fa odwan sesa, anyɛ saa a bu ne kɔn mu. Wo babarima biara a ɔyɛ abakan deɛ, tɔ no.+
14 “Na sɛ akyire yi wo ba bisa wo sɛ, ‘Wei kyerɛ sɛn?’ a, ka kyerɛ no sɛ, ‘Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii yɛn firii nkoafie wɔ Egypt.+ 15 Berɛ a Farao pirim n’akoma kaa sɛ ɔremma yɛnkɔ no,+ Yehowa kum abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so, ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Ɛno nti na mede anini a wɔdi kan nyinaa* rebɔ afɔreɛ ama Yehowa no, nanso m’abakan biara deɛ, mɛtɔ no.’ 16 Wei bɛyɛ sɛ ahyɛnsodeɛ wɔ wo nsa ho, na ayɛ sɛ biribi wɔ wo moma so*+ a ɛbɛkae wo, ɛfiri sɛ nsa a ɛyɛ den na Yehowa de yii wo firii Egypt.”
17 Na berɛ a Farao maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ no, ɛwom sɛ na ɛkwan a ɛda Filistifoɔ asaase so no nware, nanso Onyankopɔn amfa wɔn amfa hɔ, ɛfiri sɛ Onyankopɔn kaa sɛ: “Sɛ ɛko bi si a, nkurɔfoɔ no bɛsesa wɔn adwene, na wɔasan akɔ Egypt.” 18 Enti Onyankopɔn maa wɔkɔnwonwan faa serɛ so wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.+ Na berɛ a Israelfoɔ no firi Egypt reba nyinaa, na wɔahyehyɛ wɔn sɛ asafodɔm. 19 Mose faa Yosef nnompe nso kaa ne ho kɔeɛ, ɛfiri sɛ na Yosef ama Israelfoɔ no aka ntam, na ɔkaa sɛ: “Ɛkwan biara so Onyankopɔn bɛtwa n’ani abɛhwɛ mo, enti monhwɛ sɛ mode me nnompe bɛka mo ho afiri ha akɔ.”+ 20 Afei wɔfirii Sukot kɔsoɛɛ Etarm wɔ serɛ no ano.
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam mununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan awia,+ na ɔnam egya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛmaa wɔnantee awia ne anadwo.+ 22 Mununkum dum no amfiri wɔn anim awia, na egya dum no nso amfiri wɔn anim anadwo.+