Exodus
12 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron wɔ Egypt asaase so sɛ: 2 “Bosome yi bɛyɛ abosome no nyinaa mfitiaseɛ. Ɛbɛyɛ afe no mu bosome a ɛdi kan ama mo.+ 3 Monka nkyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Bosome yi da a ɛtɔ so du no, abusua biara mpɛ odwan+ baako mma wɔn agya fie, kyerɛ sɛ, efie biara mpɛ odwan baako. 4 Na sɛ efie no mufoɔ sua sɛ wɔn nko ara bɛwe odwan baako a, wɔne wɔn a wɔte bɛn wɔn* no nkyɛ wɔ wɔn fie, sɛdeɛ nnipa* a wɔwɔ hɔ dodoɔ teɛ. Mommu wɔn dodoɔ ano nhunu dodoɔ a ɛbɛso obiara, na monkyɛ odwan no mma no nso obiara so. 5 Momfa onini a wadi afe a ɔte apɔ;+ ɛbɛtumi ayɛ odwan ba anaa apɔnkye ba. 6 Momfa aboa no nsie nkɔsi bosome yi da a ɛtɔ so 14,+ na Israel asafo mu no nyinaa nku no anwummerɛ+ a anim rebiribiri.* 7 Na efie biara a wɔbɛwe wom no, wɔmfa mogya no mfa aponnwa no nnua mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ne deɛ ɛwɔ atifi no ho.+
8 “‘Wɔnwe nam no anadwo no ara.+ Wɔmfa gya ntõtõ na wɔmfa nka paanoo a mmɔka* nnim+ ne nhaban a ɛyɛ nwono ho nni.+ 9 Ɛnsɛ sɛ mowe no amono, na ɛnsɛ sɛ mode nsuo noa; mmom momfa gya ntõtõ. Montõtõ ne ti ne ne nan* ne ne yam adeɛ nyinaa. 10 Monnnya bi mmma adeɛ nnkye so, na sɛ ebi ka ma adeɛ kye so a, momfa gya nhye.+ 11 Monni no saa kwan yi so: Mommɔ abɔsoɔ* na monhyɛ mpaboa; momfa poma nkura na monni no ntɛmntɛm. Ɛyɛ Yehowa Twam. 12 Ɛfiri sɛ mɛba abɛfa Egypt asaase so anadwo yi akunkum Egypt mmakan nyinaa, ɛfiri onipa so kɔsi aboa so.+ Na mɛbu Egypt anyame nyinaa atɛn.+ Mene Yehowa. 13 Na efie biara a mowɔ mu no, mogya no bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama mo. Sɛ mehu mogya no a, mɛtwam akɔ, na sɛ mede ɔsɛeɛ ba Egypt asaase so a, ebi renka mo.+
14 “‘Monyɛ biribi mfa nkae saa da yi wɔ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; monni no sɛ Yehowa afahyɛ. Monni saa ahyɛdeɛ yi so afebɔɔ. 15 Ɛyɛ a momfa nnanson nni paanoo a mmɔka nnim.+ Da a ɛdi kan no, monyi mmɔka biara mfiri mo afie mu, ɛfiri sɛ onipa* biara a ɔbɛdi adeɛ a mmɔka wom firi da a ɛdi kan kɔsi da a ɛtɔ so nson no, wɔbɛku* no afiri Israelfoɔ mu. 16 Da a ɛdi kan no monyɛ nhyiamu kronkron, na da a ɛtɔ so nson no nso monyɛ nhyiamu kronkron. Ɛnsɛ sɛ obiara yɛ adwuma saa berɛ no;+ aduane a onipa* biara bɛdi no, ɛno nko ara na mobɛtumi ayɛ.
17 “‘Monni Paanoo a Mmɔka Nnim Afahyɛ no,+ ɛfiri sɛ saa da yi na mɛyi mo asafodɔm afiri Egypt asaase so. Mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, monkae saa da yi; monni saa ahyɛdeɛ yi so afebɔɔ. 18 Bosome a ɛdi kan no da a ɛtɔ so 14 anwummerɛ kɔsi da a ɛtɔ so 21 anwummerɛ no, monni paanoo a mmɔka nnim.+ 19 Na ɛnsɛ sɛ wɔhu mmɔka biara wɔ mo afie mu nnanson, ɛfiri sɛ obiara a ɔde mmɔka bɛka n’ano no, ɔhɔhoɔ oo, Israelni oo,+ wɔbɛku no* afiri Israel asafo mu.+ 20 Monnni biribiara a mmɔka wom. Baabi a moteɛ biara, paanoo a mmɔka nnim na ɛsɛ sɛ modi.’”
21 Ntɛm ara na Mose frɛɛ Israel mpanimfoɔ+ nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma abusua biara nkɔ ne nyɛmmoa mu nkɔyi aboa ketewa* baako, na monku aboa a mode bɛdi Twam no. 22 Afei momfa sommɛ* mmɔ ne mogya mu wɔ ɛsɛn mu na momfa mfa aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho. Mma obiara mmpue mmfiri ne fie kɔsi sɛ adeɛ bɛkye. 23 Ɛba saa na sɛ Yehowa bɛfa ɔman no mu kunkum Egyptfoɔ no a, ɔbɛhu mogya a ɛwɔ aponnwa no dua a ɛwɔ atifi ne mmienu a ɛwɔ nkyɛnkyɛn no ho no, na Yehowa bɛtwam wɔ saa pono no ho; ɔremma owuo* no mma mo afie mu.+
24 “Momma wei nyɛ ahyɛdeɛ a mo ne mo mma bɛdi so afebɔɔ.+ 25 Na sɛ moduru asaase a Yehowa de bɛma mo no so sɛdeɛ waka no a, monkɔ so nyɛ saa amanneɛ yi.+ 26 Na sɛ mo mma bisa mo sɛ, ‘Adɛn nti na moyɛ saa amanneɛ yi?’+ a, 27 monka sɛ, ‘Ɛyɛ Twam afɔreɛ a yɛbɔ ma Yehowa; ɔno na berɛ a ɔrekunkum Egyptfoɔ na ɔduruu Israelfoɔ afie ho wɔ Egypt no, ɔtwaam a wamfa ne nsa anka obiara wɔ yɛn afie mu.’”
Ɛnna nkurɔfoɔ no koto de wɔn anim butubutuu fam. 28 Enti Israelfoɔ no kɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.
29 Ɛduruu anadwo dasuo mu no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte adwa so abakan so kɔsi akoa a ɔda afiase* abakan so. Ɔkum aboa biara nso abakan.+ 30 Farao ne n’ahemfie mpanimfoɔ ne Egyptfoɔ a wɔaka nyinaa sɔree saa anadwo no, na nkurɔfoɔ suu dendeenden wɔ Egypt, ɛfiri sɛ efie baako mpo nni hɔ a obi anwu wom.+ 31 Ntɛm pa ara na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron+ anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa mfiri me man mu nkɔ. Monkɔsom Yehowa sɛdeɛ moaka no.+ 32 Momfa mo nnwan ne mo anantwie nso nkɔ sɛdeɛ moaka no.+ Na ɛyɛ a monsrɛ nhyira mma me nso.”
33 Afei Egyptfoɔ no kaa wɔn so sɛ wɔnyɛ ntɛm+ mfiri ɔman no mu, na wɔkaa sɛ, “Anyɛ saa a, yɛn nyinaa bɛwuwu!”+ 34 Enti nkurɔfoɔ no faa wɔn mmɔre a ɛnnya nkaaɛ, na wɔde ntoma kyekyeree deɛ wɔfete mmɔre wom no de sisii wɔn kɔn ho. 35 Israelfoɔ no yɛɛ deɛ na Mose aka no; wɔbisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ, ne ntoma firii Egyptfoɔ no hɔ.+ 36 Yehowa maa nkurɔfoɔ no nyaa Egyptfoɔ anim adom, enti biribiara a wɔbisaeɛ no, wɔde maa wɔn, na wɔwerɛɛ Egyptfoɔ ho.+
37 Afei Israelfoɔ no firii Ramese+ de wɔn ani kyerɛɛ Sukot.+ Ná wɔnam fam, na na wɔyɛ mmarima bɛyɛ 600,000; wɔankan mmɔfra anka ho.+ 38 Firamanfiramanfoɔ*+ bebree nso ne wɔn kɔeɛ, na na nnwan ne anantwie ne nyɛmmoa ahodoɔ pii nso ka wɔn ho. 39 Afei wɔde esiam a wɔafete a wɔde firi Egypt baeɛ no tõõ paanoo nkuruwankuruwa a mmɔka nnim. Deɛ enti a na mmɔka nnim ne sɛ wɔpamoo wɔn firii Egypt, enti wɔannya kwan anyɛ aduane a wɔbɛdi no kwan so.+
40 Mfeɛ dodoɔ a Israelfoɔ de tenaa Egypt+ nyinaa si 430.+ 41 Ɛda a wɔdii mfeɛ 430 wɔ hɔ no, saa da no ara na Yehowa asafodɔm no nyinaa firii Egypt asaase so kɔeɛ. 42 Ɛbɛyɛɛ anadwo a wɔbɛyɛ biribi de akae deɛ Yehowa yɛ de yii wɔn firii Egypt asaase so no. Israelfoɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi de kae saa anadwo yi de hyɛ Yehowa animuonyam.+
43 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Twam no ho ahyɛdeɛ nie: Ɛnsɛ sɛ ɔhɔhoɔ biara di bi.+ 44 Nanso sɛ obi wɔ akoa a ɔde sika atɔ no a, montwa akoa no twetia.*+ Ɛno ansa na ɔbɛtumi adi bi. 45 Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu, ne ɔpaani a ɔmfiri mo man mu rentumi nni bi. 46 Monni no efie baako mu. Mommfa nam no bi mmfiri fie hɔ nnkɔ abɔnten baabiara, na mommmu ne dompe biara mu.+ 47 Ɛsɛ sɛ Israel asafo nyinaa di saa afahyɛ yi. 48 Sɛ ɔhɔhoɔ bi te mo mu na ɔpɛ sɛ ɔdi Twam no bi de hyɛ Yehowa animuonyam a, ma ɔbarima biara a ɔwɔ ne fie ntwa twetia ansa na wabɛn ho sɛ ɔrebɛdi bi. Ɛno bɛma no ayɛ sɛ kuromanni. Nanso ɔbarima biara a ɔntwaa twetia deɛ, ɛnsɛ sɛ ɔdi bi.+ 49 Mmara korɔ no ara na kuromanni ne ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu bɛdi so.”+
50 Enti Israelfoɔ nyinaa yɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 51 Da no ara, Yehowa yii Israelfoɔ ne wɔn asafodɔm firii Egypt asaase so.