Exodus
11 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako a mede bɛba Farao ne Egypt so. Ɛno akyi ɔbɛma moafiri ha akɔ.+ Ɔma mo kwan sɛ monkɔ a, ɔbɛpiapia mo atikɔ mpo.+ 2 Afei ka kyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ mmarima ne mmaa nyinaa, obiara mmisa deɛ ɔte bɛn no no hɔ nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne deɛ wɔde sika kɔkɔɔ ayɛ.”+ 3 Yehowa maa nkurɔfoɔ no nyaa Egyptfoɔ anim adom. Afei nso, Farao nkoa ne nkurɔfoɔ no nyaa obuo kɛseɛ paa maa Mose wɔ Egypt asaase so.
4 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Mɛba abɛfa Egypt anadwo dasuo mu,+ 5 na abakan biara a ɔwɔ Egypt asaase so bɛwu,+ ɛfiri Farao a ɔte adwa so abakan so kɔsi afenaa a ɔreyam adeɛ wɔ boɔ* so abakan so, ne ayɛmmoa biara abakan.+ 6 Egypt asaase so nyinaa nkurɔfoɔ bɛsu dendeenden. Biribi a ɛte saa nsii da, na ebi nso rensi bio.+ 7 Na Israelni anaa n’ayɛmmoa deɛ, ɔkraman mpo rempɔ no, na Yehowa de bɛkyerɛ mo sɛ nsonsonoeɛ da Egyptfoɔ ne Israelfoɔ ntam.’+ 8 Wo nkoa nyinaa nso bɛba abɛbɔ wɔn mu ase wɔ m’anim aka sɛ, ‘Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa nkɔ.’+ Ɛba saa a, afei mɛkɔ.” Ɛnna ɔde abufuo firii Farao anim kɔeɛ.
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao rentie mo,+ na ɛno bɛma mayɛ anwanwadeɛ pii wɔ Egypt asaase so.”+ 10 Mose ne Aaron yɛɛ anwanwadeɛ yi nyinaa wɔ Farao anim,+ nanso Yehowa maa Farao kwan maa no pirim n’akoma, enti wamma Israelfoɔ no amfiri n’asaase so ankɔ.+