21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wokɔduru Egypt a, anwanwadeɛ a mama wo tumi sɛ yɛ wɔ Farao anim no, hwɛ sɛ wobɛyɛ ne nyinaa.+ Nanso mɛma kwan ama n’akoma apirim,+ na ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔ.+
15 Sɛ mepɛ a, anka ɛbɛsi saa berɛ yi matene me nsa de owuyareɛ abɔ wo ne wo manfoɔ, na mayi* wo afiri asaase so. 16 Nanso deɛ enti a mama woda so te ase nie: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfoɔ bɔ me din asaase nyinaa so.+