Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 14:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Na me deɛ, mɛma kwan ama Egyptfoɔ no apirim wɔn akoma na wɔati Israelfoɔ no, na mede Farao, n’asraafoɔdɔm, ne nteaseɛnam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔtete apɔnkɔ so bɛhyɛ me ho animuonyam.+

  • Yosua 2:9, 10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menim sɛ Yehowa de asaase yi bɛma mo,+ na mo ho hu atɔ yɛn so.+ Mo nti, asaase yi sofoɔ nyinaa abɔ hu,+ 10 ɛfiri sɛ yɛate sɛdeɛ Yehowa maa Ɛpo Kɔkɔɔ no wee wɔ mo anim berɛ a mofiri Egypt reba no,+ ne deɛ mode yɛɛ Amorifoɔ ahemfo mmienu, Sihon+ ne Og+ a mosɛee wɔn wɔ Yordan agya* no.

  • 1 Berɛsosɛm 16:24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Monka n’animuonyam nkyerɛ amanaman;

      Monka n’anwanwadwuma ho asɛm aman nyinaa mu.

  • Mmebusɛm 16:4
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  4 Biribiara a Yehowa ayɛ no, wayɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛbɛma n’atirimpɔ abam,

      Ɔbɔnefoɔ mpo, ɔwɔ hɔ ma da bɔne.+

  • Yesaia 63:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Deɛ ɔmaa Ne basa a ɛwɔ animuonyam no dii Mose nsa nifa so kɔeɛ,+

      Na ɔpaee nsuo no mu wɔ wɔn anim+

      De gyee din+ a ɛwɔ hɔ daa no wɔ he?

  • Romafoɔ 9:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Ɛfiri sɛ Twerɛnsɛm no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Deɛ enti a mama woda so te ase nie: mepɛ sɛ mefa wo so da me tumi adi, na mema nkurɔfoɔ bɔ me din asaase nyinaa so.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane