-
Exodus 14:21, 22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 Afei Mose de ne poma no kyerɛɛ ɛpo no so+ na Yehowa maa apueeɛ mframa denden bɔɔ anadwo no nyinaa, na ɛpiaa nsuo no kɔɔ akyire maa ɛpo no ase danee asaase kesee.+ Na nsuo no mu paee mmienu.+ 22 Enti Israelfoɔ no faa asaase a awoɔ no so wɔ ɛpo no mfimfini,+ na nsuo no yɛɛ fasuo wɔ wɔn nifa ne wɔn benkum.+
-