6Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Afei wobɛhu deɛ mɛyɛ Farao.+ Mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no agyaa wɔn ama wɔakɔ; mede nsa a ɛyɛ den bɛhyɛ no ama no apamo wɔn afiri n’asaase so.”+
6 “Enti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Mene Yehowa, na mɛyi mo afiri Egyptfoɔ nnesoa ase, na magye mo afiri wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu atene* ne asotwe* akɛseɛ na ɛbɛgye mo afiri Egyptfoɔ nsam.+