11Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Aka ɔhaw baako a mede bɛba Farao ne Egypt so. Ɛno akyi ɔbɛma moafiri ha akɔ.+ Ɔma mo kwan sɛ monkɔ a, ɔbɛpiapia mo atikɔ mpo.+
29 Ɛduruu anadwo dasuo mu no, Yehowa kum Egypt asaase no so abakan biara,+ ɛfiri Farao a ɔte adwa so abakan so kɔsi akoa a ɔda afiase* abakan so. Ɔkum aboa biara nso abakan.+
31 Ntɛm pa ara na ɔfrɛɛ Mose ne Aaron+ anadwo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa mfiri me man mu nkɔ. Monkɔsom Yehowa sɛdeɛ moaka no.+