Exodus
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me.+ 2 Na sɛ wokɔ so si wɔn kwan na woamma wɔankɔ a, 3 ɛnneɛ hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma owuyareɛ+ ate asi apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan nyinaa mu. 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel nyɛmmoa ne Egypt nyɛmmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no mu baako mpo renwu.”’”+ 5 Afei Yehowa hyɛɛ berɛ; ɔkaa sɛ: “Ɔkyena na Yehowa bɛyɛ wei wɔ asaase no so.”
6 Enti adeɛ kyeeɛ no, Yehowa yɛɛ deɛ ɔkaeɛ no, na Egypt nyɛmmoa nyinaa bi firii aseɛ wuwuiɛ,+ nanso Israelfoɔ mmoa deɛ, baako mpo anwu. 7 Berɛ a Farao bisaa mu no, ɔtee sɛ Israelfoɔ no nyɛmmoa no mu baako mpo nwuiɛ. Nanso Farao kɔɔ so ara pirim n’akoma, na wamma nkurɔfoɔ no ankɔ.+
8 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Momfa mo nsa mmienu nsa fononoo mu nsõ na Mose nto mpete wiem wɔ Farao anim. 9 Na ɛbɛyɛ sɛ mfuturo akata Egypt asaase nyinaa so, na ɛbɛdane mpɔmpɔ bɔne abobɔ nnipa ne mmoa wɔ Egypt asaase so baabiara.”
10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. 11 Na mpɔmpɔ no nti akɔmfoɔ a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfoɔ no ne Egyptfoɔ nyinaa.+ 12 Nanso Yehowa maa kwan maa Farao pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no, wantie wɔn.+
13 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔ Farao anim, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me. 14 Ɛfiri sɛ merehwie mmusuo nyinaa agu wo ne wo nkoa ne wo man so, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asaase nyinaa so.+ 15 Sɛ mepɛ a, anka ɛbɛsi saa berɛ yi matene me nsa de owuyareɛ abɔ wo ne wo manfoɔ, na mayi* wo afiri asaase so. 16 Nanso deɛ enti a mama woda so te ase nie: mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo, na mema nkurɔfoɔ bɔ me din asaase nyinaa so.+ 17 W’ahomasoɔ nti, woda so ara resi me nkurɔfoɔ no kwan sɛ woremma wɔnkɔ? 18 Ɔkyena sɛsɛɛ mɛma asukɔtweaa a emu yɛ duru atɔ, na ɛfiri berɛ a wɔkyekyeree Egypt bɛsi nnɛ ebi ntɔɔ saa da. 19 Enti soma kɔfa wo nyɛmmoa ne biribiara a wowɔ wɔ wuram bra bɛhyɛ fie. Onipa anaa aboa biara a ɔwɔ wuram a wɔamfa no amma fie no, asukɔtweaa no bɛgu ne so ama no awu.”’”
20 Farao nkoa a wɔfaa Yehowa asɛm no aniberesɛm no de wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa baa fie ntɛm, 21 nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaa wɔn nkoa ne wɔn nyɛmmoa wɔ wuram.
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa kyerɛ soro na asukɔtweaa ntɔ ngu Egypt asaase nyinaa so,+ na ɛmmɛgu nnipa, mmoa, ne afifideɛ nyinaa so wɔ Egypt asaase so.”+ 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne egya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so. 24 Berɛ a asukɔtweaa retɔ no, na egya nso repa yerɛyerɛ. Ná ano yɛ den paa; ɛfiri berɛ a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asaase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asaase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa so. Ɛsɛee afifideɛ nyinaa, na ɛbubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asaase a na Israelfoɔ wɔ so no nko ara na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+
27 Ɛnna Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei deɛ, mahu sɛ mayɛ bɔne. Yehowa tene, na me ne me man afom. 28 Monsrɛ Yehowa na Onyankopɔn aprannaa ne asukɔtweaa no nnyae, na mɛma mo kwan ama moakɔ; morentena ha bio.” 29 Enti Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ menya firi kurom ha a, mɛtrɛ me nsam wɔ Yehowa anim. Afei aprannaa ne asukɔtweaa no to bɛtwa na woahu sɛ asaase yɛ Yehowa dea.+ 30 Nanso wo ne wo nkoa deɛ, menim paa sɛ wei mpo remma monsuro Yehowa Nyankopɔn.”
31 Deɛ ɛsiiɛ no sɛee asaawa ne baali,* ɛfiri sɛ na baali no aduru berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa, na asaawa no nso agu nhyerɛnee. 32 Nanso hwiit ne kɔkɔte* deɛ, ansɛe ɛfiri sɛ na ɛmfifi ntɛm.* 33 Na Mose gyaa Farao hɔ kɔeɛ, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam wɔ Yehowa anim, na aprannaa ne asukɔtweaa no to twaeɛ, na nsuo no gyaee tɔ wɔ asaase no so.+ 34 Berɛ a Farao huu sɛ nsuo ne asukɔtweaa ne aprannaa no agyae no, ɔsan yɛɛ bɔne na ɔne ne nkoa akoma yɛɛ den.+ 35 Enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka no, wamma Israelfoɔ no ankɔ.+