Exodus
8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me.+ 2 Sɛ woamma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ aba w’asaase so baabiara.+ 3 Na mpɔtorɔ bɛyɛ Asubɔnten Nil mu manyamanya, na wɔbɛba wo fie ne wo pia mu ne wo mpa so ne wo nkoa afie mu ne wo manfoɔ so, na wɔbɛba wo fononoo ne deɛ wofete mmɔre wom nyinaa mu.+ 4 Mpɔtorɔ no bɛforo aba wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so.”’”
5 Akyire yi, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na tene wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atadeɛ so, na ma mpɔtorɔ no mmra Egypt asaase so baabiara.’” 6 Ɛnna Aaron tenee ne nsa wɔ Egypt nsuo so, na mpɔtorɔ no bɛkataa Egypt asaase nyinaa so. 7 Na akɔmfoɔ no nso de nyankomade yɛɛ saa ara; wɔmaa mpɔtorɔ no baa Egypt asaase so.+ 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ,+ na mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa.” 9 Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mepɛ sɛ wo ara wokyerɛ berɛ a wopɛ sɛ mesrɛ ma wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ na mpɔtorɔ no firi mo so ne mo afie mu. Asubɔnten Nil no mu deɛ nko ara na ɛbɛka.” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kaa sɛ: “Ɛbɛba mu sɛdeɛ woaka no, na ama woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ 11 Mpɔtorɔ no bɛfiri wo ne w’afie mu ne wo nkoa ne wo man so akɔ. Ɛbɛka Nil no mu deɛ nko ara.”+
12 Afei Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ, na Mose srɛɛ Yehowa sɛ ɔnyi mpɔtorɔ a ɔde aba Farao so no.+ 13 Yehowa yɛɛ Mose abisadeɛ no, na mpɔtorɔ a wɔwɔ afie mu, wɔn adihɔ, ne wɔn nsaase nyinaa so firii aseɛ wuwuiɛ. 14 Na wɔboaboaa wɔn ano sum hɔ akuakuo pii, na asaase no so firii aseɛ bɔnee. 15 Berɛ a Farao huu sɛ ahotɔ aba no, ɔpirim n’akoma,+ na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.
16 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Tene wo poma no na fa bɔ fam, na mfuturo no bɛdane ntummoa* wɔ Egypt asaase so nyinaa.’” 17 Wɔyɛɛ saa; Aaron tenee ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asaase no so mfuturo nyinaa danee ntummoa wɔ Egypt asaase so baabiara.+ 18 Akɔmfoɔ no nso yɛɛ sɛ wɔreyɛ nyankomade+ ama ntummoa aba, nanso wɔantumi. Ntummoa no baa nnipa ne mmoa so. 19 Enti akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn nsateaa!”+ Nanso Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.
20 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔgyina Farao anim. Hwɛ, ɔreba nsuo no ho! Ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan na wɔnkɔsom me. 21 Na sɛ woamma me nkurɔfoɔ no ankɔ a, mɛma ahuriiɛ* aba wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ so ne w’afie mu, na ahuriiɛ bɛhyɛ Egypt afie ma, na asaase a wɔn nan* sisi so mpo, wɔbɛkata so nyinaa. 22 Saa da no, mɛyɛ Gosen asaase a me nkurɔfoɔ te so no soronko. Ohuriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahu sɛ me Yehowa, mewɔ asaase yi so.+ 23 Na mede ɛhyeɛ bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ ntam. Mɛyɛ sɛnkyerɛnne yi ɔkyena.”’”
24 Yehowa yɛɛ saa, na ahuriiɛ tuu yuu bɛhyɛɛ Farao fie ne ne nkoa afie mu ne Egypt asaase nyinaa so ma.+ Na ahuriiɛ no nti, asaase no so sɛeeɛ.+ 25 Afei Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔbɔ afɔreɛ mma mo Nyankopɔn wɔ asaase yi so.” 26 Nanso Mose kaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa, ɛfiri sɛ yɛde adeɛ a Egyptfoɔ kyiri na ɛbɛbɔ afɔreɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn.+ Na sɛ yɛde adeɛ a Egyptfoɔ kyiri bɔ afɔreɛ wɔ wɔn anim a, wɔrensi yɛn aboɔ anaa? 27 Enti yɛbɛtu kwan nnansa akɔbɔ afɔreɛ wɔ serɛ so ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no.”+
28 Ɛnna Farao kaa sɛ: “Mɛma mo kwan ama moakɔbɔ afɔreɛ ama Yehowa mo Nyankopɔn wɔ serɛ so. Mmom monnkɔ akyiri pii. Mompa kyɛw mma me.”+ 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Merefiri w’anim akɔpa Yehowa kyɛw, na ɔkyena ahuriiɛ no bɛfiri Farao ne ne nkoa ne ne manfoɔ so akɔ. Nanso hwɛ na Farao annaadaa yɛn* bio anka sɛ ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔbɔ afɔreɛ mma Yehowa.”+ 30 Afei Mose firii Farao anim kɔpaa Yehowa kyɛw.+ 31 Enti Yehowa yɛɛ deɛ Mose bisaeɛ no, na ahuriiɛ no firii Farao ne ne nkoa ne ne manfoɔ so kɔeɛ; baako mpo anka. 32 Nanso Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma nkurɔfoɔ no kwan ankɔ.