Exodus
7 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mayɛ wo sɛ Onyankopɔn* ama Farao, na wo ara wo nua Aaron na ɔbɛyɛ wo diyifoɔ.+ 2 Deɛ maka akyerɛ wo nyinaa, ka kyerɛ wo nua Aaron na ɔno nso nka nkyerɛ Farao, na ɔbɛma Israelfoɔ no afiri n’asaase so akɔ. 3 Nanso mɛma kwan ama Farao akoma apirim,+ na mɛyɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree wɔ Egypt asaase so.+ 4 Ne nyinaa akyi, Farao rentie mo, na mɛtene me nsa wɔ Egypt so, na mede asotwe* akɛseɛ bɛyi me dɔm,* Israelfoɔ a wɔyɛ me nkurɔfoɔ no afiri Egypt asaase so.+ 5 Afei sɛ mede me nsa ka Egypt na meyi Israelfoɔ no firi wɔn mu a, ɛno na Egyptfoɔ bɛhu paa sɛ mene Yehowa.”+ 6 Ɛnna Mose ne Aaron kɔyɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ wɔnyɛ no. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ. 7 Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfeɛ 80, na na Aaron nso adi mfeɛ 83.+
8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9 “Sɛ Farao ka sɛ, ‘Monyɛ anwanwadeɛ’ a, ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘To wo poma no to Farao anim.’ Ɛbɛdane ɔwɔ kɛseɛ.”+ 10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa kaa sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Aaron too ne poma no too Farao ne n’ahemfie mpanimfoɔ anim, na ɛdanee ɔwɔ kɛseɛ. 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne asumanfoɔ no baeɛ, na Egypt akɔmfoɔ+ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.+ 12 Wɔn mu biara too ne poma too fam na ebiara danee ɔwɔ kɛseɛ, na Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13 Nanso Farao kɔɔ so ara pirim n’akoma,+ na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao akoma yɛ den.+ Ɔmpɛ sɛ ɔma nkurɔfoɔ no kɔ. 15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa. Hwɛ! Ɔbɛkɔ nsuo no ho. Enti kɔhyia no wɔ Asubɔnten Nil no ho; worekɔ a, fa poma a ɛdanee ɔwɔ no kura.+ 16 Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn,+ na waka sɛ: “Ma me nkurɔfoɔ no nkɔsom me wɔ serɛ so,” nanso ɛbɛsi nnɛ wontieeɛ. 17 Deɛ Yehowa aka nie: “Wei na ɛbɛma woahu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ɛkura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil mu na ɛbɛdane mogya. 18 Na Nil mu mpataa bɛwuwu ama nsuo no abɔn kankaankan, na Egyptfoɔ rentumi nnom Nil mu nsuo.”’”
19 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na tene wo nsa kyerɛ Egypt nsuo so,+ wɔn nsubɔnten, asuasu,* atadeɛ,+ ne wɔn nsuo a ɛtaataa hɔ nyinaa so, na ɛnnane mogya.’ Na mogya bɛba Egypt asaase so baabiara, nneɛma a wɔde nsuo gu mu a wɔde nnua ayɛ, ne deɛ wɔde aboɔ ayɛ nyinaa mu.” 20 Deɛ Yehowa kaa sɛ Mose ne Aaron nyɛ no, saa na wɔyɛeɛ; wɔyɛɛ no ntɛm ara. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsuo a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nkoa anim, na asubɔnten no mu nsuo nyinaa danee mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ asubɔnten no mu wuwuiɛ,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfoɔ no antumi annom Nil mu nsuo,+ na mogya baa Egypt asaase so baabiara.
22 Egypt akɔmfoɔ no nso de nyankomade yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na sɛdeɛ na Yehowa aka no, wantie wɔn.+ 23 Afei Farao san kɔɔ ne fie, na wamfa deɛ asi yi nso anyɛ asɛm. 24 Na Egyptfoɔ nyinaa firii aseɛ tutuu mmura wɔ Nil ho baabiara de pɛɛ nsuo a wɔbɛnom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom Nil mu nsuo. 25 Berɛ a Yehowa maa Nil danee mogya no, nnanson twaam.