Exodus
7 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Hwɛ, mayɛ wo Onyankopɔn ama Farao,+ na wo nua Aaron bɛyɛ wo diyifoɔ.+ 2 Wo deɛ, wobɛka deɛ mahyɛ woɔ+ nyinaa, na wo nua Aaron bɛka akyerɛ Farao+ na wama Israelfoɔ no afiri n’asase so akɔ.+ 3 Na mɛma Farao apirim n’akoma+ na ama mayɛ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ bebree wɔ Egypt asase so.+ 4 Nanso Farao rentie mo;+ na mɛsɔre atia Egypt na mabu no atɛn,+ na mɛyi m’asafo,+ me man+ Israelfoɔ,+ afiri Egypt asase so. 5 Na sɛ mede me nsa ka Egypt+ a, ɛno na Egyptfoɔ bɛhunu sɛ mene Yehowa, na ɛkwan biara so mɛyi Israelfoɔ no afiri wɔn mu.”+ 6 Na Mose ne Aaron kɔyɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ wɔn no.+ Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+ 7 Berɛ a wɔne Farao kɔkasaeɛ no, na Mose adi mfeɛ aduɔwɔtwe, na na Aaron nso adi mfeɛ aduɔwɔtwe mmiɛnsa.+
8 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: 9 “Sɛ ɛba sɛ Farao ka kyerɛ mo sɛ, ‘Monyɛ anwanwadeɛ’+ bi a, ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘To wo poma+ no to Farao anim.’ Ɛbɛdane ɔwɔ+ kɛseɛ.” 10 Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim, na wɔyɛɛ deɛ Yehowa ahyɛ wɔn no pɛpɛɛpɛ. Aaron too ne poma no too Farao ne ne nhenkwaa anim, na ɛdanee ɔwɔ kɛseɛ. 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne asumanfoɔ+ baeɛ, na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm+ yɛɛ saa ara. 12 Wɔn mu biara too ne poma too fam na ɛdanee ɔwɔ kɛseɛ, na Aaron poma no memenee wɔn mpoma no. 13 Nanso Farao kɔɔ so ara pirim n’akoma,+ na wantie wɔn, sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.
14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Farao akoma yɛ den.+ Wasi ne bo sɛ ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔ.+ 15 Kɔ Farao nkyɛn anɔpa. Hwɛ, ɔrekɔ nsuo no ho!+ Enti fa wo poma a ɛdanee ɔwɔ no kura+ na kɔgyina Asubɔnten Nil ho hyia no.+ 16 Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa na wasoma me wo nkyɛn+ sɛ: “Ma me nkurɔfoɔ no nkɔsom me wɔ serɛ so,”+ nanso wontiee de bɛsi nnɛ. 17 Deɛ Yehowa aka nie:+ “Yei na ɛbɛma woahunu sɛ mene Yehowa.+ Mede poma a ɛkura me yi rebɛbɔ Asubɔnten Nil+ mu na ɛbɛdane mogya.+ 18 Na Asubɔnten Nil mu nam bɛwuwu+ ama nsuo no abɔn kankaankan,+ na ɛbɛyɛ Egyptfoɔ abofono sɛ wɔbɛnom Nil mu nsuo.”’”+
19 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma na tene wo nsa kyerɛ+ Egypt nsuo so, wɔn nsubɔnten, Nil asuasu, atadeɛ,+ ne mmura nyinaa so na ɛnnane mogya.’ Na mogya bɛba Egypt asase so baabiara, nneɛma a wɔde dua ayɛ ne deɛ wɔde aboɔ ayɛ nyinaa mu.” 20 Mose ne Aaron yɛɛ saa ntɛm ara,+ sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ+ wɔn no. Ɔmaa ne poma so de bɔɔ nsuo a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no mu wɔ Farao ne ne nhenkwaa anim,+ na Asubɔnten Nil mu nsuo nyinaa danee mogya.+ 21 Afei mpataa a ɛwɔ Asubɔnten Nil mu no wuwuiɛ,+ na asubɔnten no bɔnee. Enti Egyptfoɔ no antumi annom Asubɔnten Nil mu nsuo,+ na mogya baa Egypt asase so baabiara.
22 Na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma,+ na wantie wɔn, sɛdeɛ na Yehowa aka no.+ 23 Afei Farao firi hɔ kɔɔ ne fie, na wamfa deɛ asie yi nso anyɛ asɛm.+ 24 Na Egyptfoɔ nyinaa firii aseɛ tutuu mmura wɔ Asubɔnten Nil ho de pɛɛ nsuo a wɔbɛnom, ɛfiri sɛ na wɔntumi nnom Nil mu nsuo.+ 25 Yehowa de ne nsa kaa Asubɔnten Nil akyi no, nnanson bɛtwaam.