Exodus 7:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne asumanfoɔ+ baeɛ, na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm+ yɛɛ saa ara. Exodus 8:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara, na wɔmaa mpɔtorɔ bɛkataa Egypt asase nyinaa so.+ Daniel 1:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 Nyansa ne nhunumu asɛm biara+ a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu sɛ n’ahennie nyinaa mu no, wɔkyɛn akɔmfoɔ+ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ hɔ no nyinaa mprɛ du. Asomafoɔ Nnwuma 8:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Afei na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔdi asumansɛm+ ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ.+ 2 Korintofoɔ 11:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Na ɛnyɛ nwanwa, ɛfiri sɛ Satan mpo kɔ so ara dane ne ho hann bɔfoɔ.+ 2 Timoteo 3:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambre+ ko tiaa Mose no, saa ara na yeinom nso ko tia nokorɛ no,+ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa,+ wɔmfra wɔ gyidie mu.+
11 Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafoɔ ne asumanfoɔ+ baeɛ, na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm+ yɛɛ saa ara.
20 Nyansa ne nhunumu asɛm biara+ a ɔhene bisaa wɔn no, ɔhunuu sɛ n’ahennie nyinaa mu no, wɔkyɛn akɔmfoɔ+ ne nkonyaayifoɔ+ a wɔwɔ hɔ no nyinaa mprɛ du.
9 Afei na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔdi asumansɛm+ ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ.+
8 Na sɛdeɛ Yane ne Yambre+ ko tiaa Mose no, saa ara na yeinom nso ko tia nokorɛ no,+ nnipa a wɔn adwene asɛe koraa,+ wɔmfra wɔ gyidie mu.+