Exodus 7:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma,+ na wantie wɔn, sɛdeɛ na Yehowa aka no.+ Exodus 8:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Na akɔmfoɔ no nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn asumansɛm+ bɛma ntummoa aba, nanso wɔantumi.+ Na ntummoa baa nnipa ne mmoa so. Exodus 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Na mpɔmpɔ no nti, akɔmfoɔ a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfoɔ no ne Egyptfoɔ nyinaa.+ Asomafoɔ Nnwuma 8:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Afei na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔdi asumansɛm+ ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ.+ 2 Tesalonikafoɔ 2:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Nanso ɛkwan a deɛ ɔnni mmara soɔ no nam so ba* ne Satan nnwuma+ a ahoɔdenneɛ ne atorɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ nyinaa ka ho
22 Na Egypt akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara,+ enti Farao kɔɔ so pirim n’akoma,+ na wantie wɔn, sɛdeɛ na Yehowa aka no.+
18 Na akɔmfoɔ no nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn asumansɛm+ bɛma ntummoa aba, nanso wɔantumi.+ Na ntummoa baa nnipa ne mmoa so.
11 Na mpɔmpɔ no nti, akɔmfoɔ a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfoɔ no ne Egyptfoɔ nyinaa.+
9 Afei na ɔbarima bi wɔ kuro no mu a wɔfrɛ no Simon, a na ɔdi asumansɛm+ ma Samaria man no ho dwiri wɔn, na ɔka sɛ ɔyɛ onipa kɛseɛ.+
9 Nanso ɛkwan a deɛ ɔnni mmara soɔ no nam so ba* ne Satan nnwuma+ a ahoɔdenneɛ ne atorɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ+ nyinaa ka ho