Exodus
8 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me.+ 2 Na sɛ wokɔ so sene wo kɔn na woamma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ aba w’asase so baabiara.+ 3 Na mpɔtorɔ bɛyɛ Asubɔnten Nil mu manyamanya, na wɔbɛba wo fie ne wo pia mu ne wo mpa so ne wo nkoa afie ne wo manfoɔ ho, na wɔbɛba wo fononoo ne deɛ wɔfete mmɔre wom nyinaa mu.+ 4 Mpɔtorɔ no bɛforo aba wo ne wo manfoɔ ne wo nkoa nyinaa so.”’”+
5 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Fa wo poma+ na tene wo nsa wɔ nsubɔnten, Nil asuasu, ne atadeɛ so, na ma mpɔtorɔ mmra Egypt asase so baabiara.’” 6 Na Aaron tenee ne nsa wɔ Egypt nsuo so, na mpɔtorɔ bɛkataa Egypt asase nyinaa so. 7 Na akɔmfoɔ no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara, na wɔmaa mpɔtorɔ bɛkataa Egypt asase nyinaa so.+ 8 Ɛnna Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monsrɛ Yehowa+ na ɔmma mpɔtorɔ no mfiri me ne me man so nkɔ, na afei deɛ mɛma nkurɔfoɔ no kwan ama wɔakɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa.”+ 9 Mose ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Mesrɛ wo, wo ara kyerɛ me da korɔ a mensrɛ mma wo ne wo nkoa ne wo nkurɔfoɔ na wɔnyi mpɔtorɔ no mfiri mo so ne mo afie mu. Ɛbɛka Asubɔnten Nil no mu deɛ nko ara.” 10 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Ɔkyena.” Enti Mose kaa sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛdeɛ woaka no, na ama woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn no,+ 11 na mpɔtorɔ no bɛfiri wo ne w’afie ne wo nkoa ne wo man so akɔ. Na ɛbɛka Asubɔnten Nil mu deɛ no nko ara.”+
12 Afei Mose ne Aaron firii Farao anim kɔeɛ, na Mose teaam frɛɛ Yehowa,+ mpɔtorɔ a ɔde aba Farao soɔ no nti. 13 Na Yehowa yɛɛ deɛ Mose kaeɛ no,+ na mpɔtorɔ a wɔwɔ afie mu ne adihɔ ne mfikyire nyinaa firii aseɛ wuwuiɛ. 14 Na wɔboaboaa wɔn ano akuakuo pii, na asase no so firii aseɛ bɔnee.+ 15 Berɛ a Farao hunuu sɛ ahotɔ aba no, ɔpirim n’akoma,+ na wantie wɔn sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+
16 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Ka kyerɛ Aaron sɛ, ‘Tene wo poma+ no na fa bɔ fam, na asase so mfuturo bɛdane ntummoa* wɔ Egypt asase so nyinaa.’” 17 Wɔyɛɛ saa. Na Aaron tenee ne nsa de ne poma no bɔɔ fam, na ntummoa baa nnipa ne mmoa nyinaa so. Na asase no so mfuturo nyinaa danee ntummoa wɔ Egypt asase so baabiara.+ 18 Na akɔmfoɔ no nso bɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn asumansɛm+ bɛma ntummoa aba, nanso wɔantumi.+ Na ntummoa baa nnipa ne mmoa so. 19 Enti akɔmfoɔ no ka kyerɛɛ Farao sɛ: “Ɛyɛ Onyankopɔn+ nsateaa!”+ Nanso Farao kɔɔ so pirim n’akoma,+ na wantie wɔn sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.
20 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔgyina Farao anim.+ Hwɛ, ɔreba nsuo no ho! Na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me.+ 21 Na sɛ woamma me nkurɔfoɔ no kwan ankɔ a, mɛma ahuriiɛ+ aba wo ne wo nkoa ne wo manfoɔ ne w’afie so, na ahuriiɛ bɛhyɛ Egypt afie ne asase a wɔte soɔ no nyinaa so mã. 22 Saa da no mɛyɛ Gosen asase a me man te soɔ no soronko na huriiɛ biara renkɔ hɔ,+ na woahunu sɛ mene Yehowa wɔ asase mfimfini.+ 23 Na mede hyeɛ bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ ntam.+ Mɛyɛ sɛnkyerɛnne yi ɔkyena.”’”
24 Yehowa yɛɛ saa, na ahuriiɛ tuu yuu bɛhyɛɛ Farao fie ne ne nkoa afie ne Egypt asase nyinaa so mã.+ Na ahuriiɛ+ no nti asase no so sɛeeɛ. 25 Afei Farao ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Monkɔbɔ afɔdeɛ mma mo Nyankopɔn wɔ asase no so.”+ 26 Na Mose kaa sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa, ɛfiri sɛ yɛde adeɛ a Egyptfoɔ kyire+ na ɛbɛbɔ afɔdeɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn. Na sɛ Egyptfoɔ hunu sɛ yɛde adeɛ a wɔkyire abɔ afɔdeɛ a, wɔrensi yɛn aboɔ anaa? 27 Enti yɛbɛtu kwan nnansa akɔ serɛ so akɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa yɛn Nyankopɔn sɛdeɛ waka akyerɛ yɛn no.”+
28 Na Farao kaa sɛ: “Mɛma mo kwan+ ama moakɔbɔ afɔdeɛ ama Yehowa mo Nyankopɔn wɔ serɛ so.+ Nanso monnkɔ akyiri pii. Ɛyɛ a monsrɛ mma me nso.”+ 29 Ɛnna Mose kaa sɛ: “Merefiri w’anim akɔsrɛ Yehowa, na ɔkyena ahuriiɛ no bɛfiri Farao ne ne nkoa ne ne man so akɔ. Nanso hwɛ na Farao annaadaa yɛn bio sɛ ɔremma nkurɔfoɔ no nkɔbɔ afɔdeɛ mma Yehowa.”+ 30 Na Mose firii Farao anim kɔsrɛɛ Yehowa.+ 31 Na Yehowa yɛɛ sɛdeɛ Mose kaeɛ no,+ na ahuriiɛ no firii Farao ne ne nkoa ne ne man so kɔeɛ.+ Baako mpo anka. 32 Nanso Farao pirim n’akoma saa berɛ yi nso, na wamma nkurɔfoɔ no kwan ankɔ.+