Exodus
9 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ,+ ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ no kwan ma wɔnkɔsom me. 2 Na sɛ wokɔ so si wɔn kwan na woamma wɔankɔ+ a, 3 ɛnneɛ hwɛ, Yehowa de ne nsa+ bɛka wo nyɛmmoa+ a wɔwɔ wuram no. Na ɔbɛma yareɛ kɛseɛ ate asi w’apɔnkɔ, mfunumu, yoma, anantwie ne nnwan nyinaa mu ama wɔawuwu.+ 4 Na Yehowa bɛma nsonsonoeɛ abɛda Israel mmoa ne Egypt mmoa ntam, na Israelfoɔ mmoa no baako mpo renwu.”’”+ 5 Afei Yehowa hyɛɛ berɛ sɛ: “Ɔkyena Yehowa bɛyɛ yei wɔ asase no so.”+
6 Enti adeɛ kyeeɛ no, Yehowa yɛɛ deɛ waka no, na Egypt nyɛmmoa ahodoɔ nyinaa firii aseɛ wuwuiɛ,+ na Israelfoɔ mmoa deɛ, baako mpo anwu. 7 Na Farao soma maa wɔkɔhwɛeɛ, na wɔhunuu sɛ Israelfoɔ no mmoa no baako mpo nwuiɛ. Nanso ɔkɔɔ so ara pirim n’akoma,+ na wamma nkurɔfoɔ no ankɔ.
8 Yei akyi no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ: “Momfa mo nsa mmienu nsa fononoo mu nsõ,+ na Mose nto mpete wiem wɔ Farao anim. 9 Na ɛbɛyɛ tutuo wɔ Egypt asase nyinaa so, na ɛbɛdane mpɔmpɔ bɔne+ na abobɔ nnipa ne mmoa wɔ Egypt asase so baabiara.”
10 Enti wɔkɔsaa fononoo mu nsõ, na wɔbɛgyinaa Farao anim. Afei Mose to petee wiem na ɛdanee mpɔmpɔ bɔne+ bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa. 11 Na mpɔmpɔ no nti, akɔmfoɔ a wɔwɔ hɔ no antumi annyina Mose anim, ɛfiri sɛ na mpɔmpɔ no abobɔ akɔmfoɔ no ne Egyptfoɔ nyinaa.+ 12 Nanso Yehowa maa Farao pirim n’akoma na wantie wɔn, sɛdeɛ na Yehowa aka akyerɛ Mose no.+
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɔre anɔpatutuutu kɔ Farao anim,+ na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Hebrifoɔ Nyankopɔn Yehowa aka nie: “Ma me nkurɔfoɔ kwan ma wɔnkɔsom me.+ 14 Anyɛ saa a, mɛsoma me mmusuo nyinaa aba wo ne wo nkoa ne wo man so na woahunu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me asase nyinaa so.+ 15 Sɛ mepɛ a, anka ɛbɛsi saa berɛ yi matene me nsa de owuyareɛ abɔ wo ne wo manfoɔ, na matwa wo afiri asase so.+ 16 Nanso deɛ enti a makora wo soɔ+ ne sɛ mepɛ sɛ meyi me tumi adi kyerɛ woɔ, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.+ 17 Woda so ara de w’ahantan asi me man kwan sɛ woremma wɔnkɔ anaa?+ 18 Ɔkyena sɛsɛɛ mɛma asukɔtweaa a emu yɛ duru paa a ebi ntɔɔ da firi berɛ a wɔkyekyeree Egypt de bɛsi nnɛ atɔ.+ 19 Enti soma kɔfa wo mmoa ne biribiara a wowɔ no wuram bra dan mu. Onipa anaa aboa biara a ɔwɔ wuram a wɔamfa no amma fie no, asukɔtweaa+ no bɛgu ne so ama no awu.”’”
20 Farao nkoa a wɔsuro Yehowa asɛm no maa wɔn ara wɔn nkoa ne wɔn mmoa dwane baa fie,+ 21 nanso wɔn a wɔamfa Yehowa asɛm anyɛ asɛm no gyaa wɔn nkoa ne wɔn mmoa wɔ wuram.+
22 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Tene wo nsa+ kyerɛ soro ma asukɔtweaa+ ntɔ ngu Egypt asase nyinaa so, nnipa ne mmoa ne afifideɛ nyinaa so wɔ Egypt asase so.” 23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa+ ne egya pae guu asase no so, na Yehowa maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asase so. 24 Berɛ a asukɔtweaa retɔ no, na egya nam mu. Na ano den deɛ, ɛfiri berɛ a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, ɛfiri nnipa so kɔsi mmoa ne afifideɛ nyinaa so. Na ɛbubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asase a na Israelfoɔ wɔ soɔ no nko ara na asukɔtweaa no antɔ hɔ.+
27 Ɛnna Farao soma kɔfrɛɛ Mose ne Aaron baeɛ, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Afei deɛ, mahunu sɛ mayɛ bɔne.+ Yehowa tene,+ na me ne me manfoɔ di fɔ. 28 Monsrɛ Yehowa na Onyankopɔn aprannaa ne asukɔtweaa no nsõ ha yi ara,+ na mɛma mo kwan ama moakɔ; morentena ha bio.” 29 Enti Mose ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ menya firi kurom ha kɔ pɛ a, mɛtrɛ me nsam Yehowa anim.+ Afei aprannaa ne asukɔtweaa no to bɛtwa na woahunu sɛ asase yɛ Yehowa dea.+ 30 Nanso menim yie sɛ yei mpo remma wo ne wo nkoa nsuro Yehowa Nyankopɔn.”+
31 Deɛ ɛsiiɛ no kaa asaawa ne atokoɔ nso, ɛfiri sɛ na atokoɔ no aduru berɛ a ɛsɛ sɛ wɔtwa na asaawa no nso agu nhyerɛnee.+ 32 Nanso ayuo ne kɔkɔte*+ deɛ, ansɛe ɛfiri sɛ na ɛtaa ka akyire. 33 Na Mose gyaa Farao hɔ kɔeɛ, na ɔfirii kuro no mu kɔtrɛɛ ne nsam Yehowa anim, na aprannaa ne asukɔtweaa no to twaeɛ na nsuo no gyaee tɔ wɔ asase no so.+ 34 Berɛ a Farao hunuu sɛ nsuo ne asukɔtweaa ne aprannaa no agyaeɛ no, ɔkɔɔ so ara yɛɛ bɔne na ɔne ne nkoa pirim wɔn akoma.+ 35 Na Farao kɔɔ so pirim n’akoma, na wamma Israelfoɔ no ankɔ, sɛdeɛ na Yehowa nam Mose so aka no.+