21 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ wonya kɔduru Egypt a, hwɛ sɛ wobɛyɛ anwanwadeɛ a mede ahyɛ wo nsa no nyinaa wɔ Farao anim.+ Na mɛma no apirim n’akoma;+ na ɔremma ɔman no kwan nkɔ.+
30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa no senee ne kɔn na ɔpirim n’akoma,+ na ama no de no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+