Yosua
11 Na berɛ a Hasor hene Yabin tee deɛ asie no, ɔsoma kɔɔ Madon hene+ Yobab, ne Simron hene, ne Aksaf hene+ nkyɛn. 2 Na ɔde nkra kɔmaa ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ, ne ɛserɛ so wɔ Kineret+ anafoɔ fam, ne Sefela,+ ne Dor+ bepɔ so wɔ atɔeɛ fam, 3 ne Kanaanfoɔ+ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ, ne Amorifoɔ,+ ne Hitifoɔ,+ ne Perisifoɔ,+ ne Yebusifoɔ+ a wɔwɔ mmepɔ soɔ, ne Hiwifoɔ+ a wɔwɔ Hermon+ ase wɔ Mispa+ asase soɔ. 4 Enti wɔne wɔn dɔm huhaa te sɛ mpoano anwea+ ne apɔnkɔ+ ne nteaseɛnam bebree pa firi baeɛ. 5 Na berɛ a wɔhyɛeɛ no duruiɛ no, ahemfo no nyinaa boaboaa wɔn ano wɔ Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.+
6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sɛsɛɛ mɛma wɔn nyinaa atotɔ Israelfoɔ nsa ano. Twitwa wɔn apɔnkɔ nantin+ na fa gya hye wɔn nteaseɛnam.”+ 7 Na Yosua ne asraafoɔ no nyinaa faa Merom asuo ho bɛto hyɛɛ wɔn so prɛko pɛ. 8 Enti Yehowa de wɔn hyɛɛ Israelfoɔ no nsa,+ na wɔtĩĩ wɔn kɔkunkum wɔn kɔduruu Sidon+ kɛseɛ ne Misrefot-Maim+ ne Mispe+ asasetamaa so wɔ atɔeɛ fam. Wɔkunkum wɔn nyinaa, na baako mpo anka.+ 9 Na deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔde yɛɛ wɔn: Ɔtwitwaa wɔn apɔnkɔ nantin,+ na ɔde gya hyee wɔn nteaseɛnam.+
10 Afei Yosua danee ne ho saa berɛ+ no bɛfaa Hasor,+ na ɔde nkrantɛ kum ɛhɔ hene,+ ɛfiri sɛ na Hasor ne ahemman yi nyinaa ti. 11 Wɔde nkrantɛ kunkum akra a wɔwɔ hɔ nyinaa tɔree wɔn ase.+ Wɔannya biribiara a ɛhome wɔ hɔ,+ na ɔde gya hyee Hasor. 12 Yosua faa nhenkuro a ɛwowɔ hɔ ne emu ahemfo nyinaa, na ɔde nkrantɛ kunkum wɔn.+ Ɔsɛee wɔn pasaa,+ sɛdeɛ Yehowa akoa Mose kaeɛ no.+ 13 Nkuro a ɛgu nkokoɔ soɔ no deɛ, Israel anhye, gye Hasor na Yosua hyeeɛ. 14 Israelfoɔ no faa nkuro no mu afieboa ne asadeɛ a aka nyinaa.+ Nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkum wɔn nyinaa tɔree wɔn ase.+ Obiara a ɔhome biara nni hɔ a wɔmaa no kaeɛ.+ 15 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose ka kyerɛɛ Yosua,+ na saa ara nso na Yosua yɛeɛ. Wanyi asɛm baako mpo amfiri deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no mu.+
16 Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne Negeb+ ne Gosen+ asase nyinaa, ne Sefela+ ne Araba+ ne Israel mmepɔ ne ne Sefela,+ 17 ɛfiri Bepɔ Halak+ a animu kyerɛ Seir+ kɔsi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon asasetamaa so wɔ Bepɔ Hermon+ ase, na ɔkyeree wɔn ahemfo nyinaa kunkum wɔn.+ 18 Yosua ne ahemfo yi nyinaa koo nna pii. 19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam, gye Hiwifoɔ+ a wɔte Gibeon+ no. Wɔn a aka no deɛ, ɛko mu na wɔfaa wɔn.+ 20 Yehowa na ɔmaa wɔpirim wɔn akoma+ sɛ wɔne Israelfoɔ bɛko na wasɛe wɔn a ahummɔborɔ biara nnim,+ na watɔre wɔn ase sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
21 Saa berɛ no nso, Yosua kɔkunkum Anakimfoɔ+ a wɔwɔ mmepɔ soɔ, Hebron ne Debir ne Anab+ ne Yuda ne Israel mmepɔ so nyinaa.+ Yosua sɛee wɔne wɔn nkuro no nyinaa.+ 22 Wannya Anakimni biara wɔ Israelfoɔ asase so, gye Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ na ebi kaeɛ.+ 23 Afei Yosua faa nsase no nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua kyɛ maa Israelfoɔ no sɛ wɔn kyɛfa, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ Ɛfiri saa berɛ no, ɛko anha asase no bio.+