22 Wɔkɔfaa Negeb+ baa Hebron.+ Na Anak+ mma Ahiman, Sesai, ne Talmai+ wɔ hɔ. Wɔkyekyeree Hebron+ kuro no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan+ a ɛwɔ Egypt no.
28 Ɛhe koraa na yɛrekorɔ? Yɛn nuanom abɛtu yɛn akoma+ sɛ: “Asase no sofoɔ soso woware sene yɛn,+ na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro,+ na yɛhunuu Anakim+ mma no nso wɔ hɔ.”’
13 Yefune ba Kaleb+ deɛ, ɔmaa no asase wɔ Yudafoɔ mu sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Yosua no; ɛno ne Kiriat-Arba (ɛfiri sɛ na Arba yɛ Anak agya). Saa kuro yi ara ne Hebron.+