Deuteronomium
1 Yei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa ɛserɛ no so wɔ Yordan+ mpɔtamu. Yei ne serɛ a ɛwɔ Suf anim, wɔ Paran+ ne Tofel ne Laban ne Haserot+ ne Disahab ntam. 2 Ɛfiri Horeb kɔfa Bepɔ Seir ho kɔ Kades-Barnea+ no yɛ nna dubaako kwan. 3 Afe a ɛtɔ so aduanan,+ bosome a ɛtɔ so dubaako no da a ɛdi kan no, Mose kaa deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ no. 4 Saa berɛ no na wadi Amorifoɔ hene Sihon+ a ɔte Hesbon ne Basan hene Og+ a ɔte Astarot+ so wɔ Edrei.+ 5 Mose kyerɛkyerɛɛ mmara+ yi mu wɔ Yordan mpɔtamu wɔ Moab asase so sɛ:
6 “Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn Horeb+ sɛ, ‘Moatena bepɔ yi so akyɛ.+ 7 Monnane mo ho nkɔ Amorifoɔ+ bepɔ so ne mmeammea a ɛbembɛn Araba,+ mmepɔ so+ ne Sefela ne Negeb+ ne mpoano,+ Kanaanfoɔ+ asase so, ne Lebanon,+ nkɔsi asukɛseɛ Eufrate+ ho. 8 Monhwɛ, asase a mede ama mo no da mo anim. Monkɔfa asase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak+ ne Yakob+ sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefoɔ a wɔbɛdi wɔn akyi aba no.’+
9 “Na meka kyerɛɛ mo saa berɛ no sɛ, ‘Me nko ara mentumi nhwɛ mo so.+ 10 Yehowa mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na nnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma.+ 11 Yehowa mo agyanom Nyankopɔn no mma monnɔɔso+ mmɔho apem, na ɔnhyira+ mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.+ 12 Mɛyɛ dɛn na me nko ara masoa mo nnesoa duruduro ne mo ham yi?+ 13 Monyi mo mmusua mu mmarima anyansafoɔ a wɔn ani da hɔ+ na wɔwɔ suahunu,+ na memfa wɔn nsisi mo so.’+ 14 Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ ne kwan so.’ 15 Enti meyii wɔn a wɔdeda mo mmusua ano, mmarima anyansafoɔ a wɔwɔ suahunu, yɛɛ wɔn mpanimfoɔ de wɔn tuatuaa nnipa apem biara ano, ɔha biara ano, aduonum biara ano, ne du biara ano, na meyii mo mmusua so atitire.+
16 “Na meka kyerɛɛ mo atemmufoɔ saa berɛ no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mommu atɛntenenee+ obi ne ne nua anaa ɔne ne hɔhoɔ ntam.+ 17 Monnhwɛ nnipa anim atemmuo mu.+ Montie deɛ ɔsua sɛdeɛ motie deɛ ɔsõ no ara.+ Monnsuro onipa anim,+ na Onyankopɔn na ɔbu atɛn.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duro bi sɔre a, momfa mmrɛ me na menni.’+ 18 Saa berɛ no mekyerɛɛ mo deɛ monyɛ nyinaa.
19 “Afei yɛtu firii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu+ a moahunu yi so, na yɛfaa Amorifoɔ+ bepɔ no ho, sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn no, na yɛbaa Kades-Barnea.+ 20 Afei meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Moaba Amorifoɔ bepɔ a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no ho.+ 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asase no ama mo,+ enti monkɔfa sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Monnsuro, na mommmɔ hu.’+
22 “Na mo nyinaa mobaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Ma yɛnsoma mmarima nni kan nkɔhwɛ asase no na wɔmmɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa soɔ ne nkuro a yɛbɛkɔ soɔ.’+ 23 Na mehunuu sɛ ɛyɛ asɛmpa, enti meyii mmarima dumienu, abusuakuo biara mu nipa baako.+ 24 Na wɔde wɔn ani kyerɛɛ bepɔ+ no so kɔduruu Eskol+ subɔn ho, na wɔhwɛɛ sɛdeɛ asase no teɛ. 25 Afei wɔde asase no so aba+ no bi kura de siane brɛɛ yɛn. Na wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, ‘Asase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no yɛ.’+ 26 Nanso na mompɛ sɛ mokɔ asase no soɔ,+ na motee atua tiaa Yehowa mo Nyankopɔn anom asɛm.+ 27 Na monwiinwii mo ntomadan mu sɛ, ‘Yehowa tan yɛn+ nti na wayi yɛn afiri Egypt+ asase so de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsa sɛ wɔntɔre yɛn ase no.+ 28 Ɛhe koraa na yɛrekorɔ? Yɛn nuanom abɛtu yɛn akoma+ sɛ: “Asase no sofoɔ soso woware sene yɛn,+ na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro,+ na yɛhunuu Anakim+ mma no nso wɔ hɔ.”’
29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.+ 30 Yehowa mo Nyankopɔn di mo anim. Ɔbɛko ama mo+ sɛdeɛ mo ara mohunuu sɛ ɔyɛ maa mo Egypt no,+ 31 ne serɛ no so+ nso, berɛ a Yehowa mo Nyankopɔn de mo bɔɔ ne bo+ sɛdeɛ ɔbarima de ne ba bɔ ne bo, na ɔde mo twaa kwan baa ha no.’+ 32 Na deɛ mekaeɛ nyinaa akyi no, moannye Yehowa mo Nyankopɔn anni.+ 33 Nanso ɔno na ɔdii mo anim kɔhwɛɛ baabi a mobɛtena.+ Sɛ ɛduru anadwo a ɔnam gya so kyerɛ mo kwan, na awia nso ɔnam mununkum so.+
34 “Na Yehowa tee deɛ mokaeɛ nyinaa. Enti ne bo fuiɛ na ɔkaa ntam+ sɛ, 35 ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu barima baako mpo renhunu asase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu,+ na mede asase a ɔde ne nan sii soɔ no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuu me mpo, na ɔkaa sɛ, ‘Wo nso worenkɔ hɔ.+ 38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim yi na ɔbɛkorɔ.’+ Wahyɛ no den,+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛma Israelfoɔ afa asase no.) 39 Na mo mma nkumaa a ɛnnɛ wɔnnim papa ne bɔne a mokaa sɛ: “Asase no sofoɔ bɛfa wɔn!”+ no, wɔn na wɔbɛkɔ hɔ, na mede asase no bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ. 40 Na mo deɛ, monnane mo ho nkɔfa Po Kɔkɔɔ no ho nkɔ serɛ no so.’+
41 “Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne atia Yehowa.+ Na yɛbɛkɔ akɔko sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn ahyɛ yɛn no!’ Enti mo nyinaa mofaa mo akodeɛ hyɛɛ mo ho susuu sɛ ɛyɛ mmerɛ sɛ mobɛkɔ bepɔ no so.+ 42 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moamforo ankɔko na moanni nkoguo mo atamfo anim,+ ɛfiri sɛ menka mo ho.”’+ 43 Na me ne mo kasaeɛ, nanso moantie me na mode abufuo twi faa Yehowa so+ sɛ morekɔ bepɔ no so.+ 44 Ɛnna Amorifoɔ a wɔte bepɔ no soɔ no baa mo soɔ+ na wɔtaa mo sɛ nwowa, na wɔbɔɔ mo hwete firii Seir kɔduruu Horma.+ 45 Afei mosan mo akyi bɛsu guu Yehowa so, nanso Yehowa antie mo+ na wanyɛ aso amma mo.+ 46 Enti motenaa Kades dii nna pii wɔ hɔ.+