8 Mɛkɔ akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asase no so akɔ asase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ,+ baabi a Kanaanfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ+ teɛ.
6 Saa da no, memaa me nsa so+ kaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asase so akɔ asase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ.+ Ɛyɛ asase a ɛso yɛ fɛ sene asase biara.+