Deuteronomium
2 “Yɛdanee yɛn ho kɔfaa Po Kɔkɔɔ no ho kɔɔ serɛ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ me no,+ na yɛde nna pii kyinkyinii Bepɔ Seir ho. 2 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 3 ‘Moakyinkyini bepɔ yi ho akyɛ.+ Monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: “Morekɔfa mo nuanom Esau asefoɔ+ a wɔte Seir+ no hyeɛ so.+ Sɛ wɔhu mo a, ehu bɛka wɔn,+ enti monhwɛ yie paa. 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anni aperepereɛ, na meremma mo wɔn asase no anammɔn baako mpo, ɛfiri sɛ mede Bepɔ Seir ama Esau sɛ ɔntena so.+ 6 Aduane a mobɛdie biara momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ, na nsuo a mobɛnom nso momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ.+ 7 Na Yehowa mo Nyankopɔn ahyira mo nsa ano adwuma nyinaa so.+ Ɔnim sɛdeɛ moanante serɛ kɛseɛ yi soɔ. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfeɛ aduanan+ yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.”’+ 8 Enti yɛtwaa yɛn nuanom Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho,+ na yɛtwaa Araba+ ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyaeɛ.
“Afei yɛdanee yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ serɛ so kwan so. 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na meremma wo wɔn asase no bi ntena so, ɛfiri sɛ mede Ar+ ama Lot mma+ sɛ wɔntena so. 10 (Berɛ bi na Emimfoɔ+ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakimfoɔ+ no na wɔte hɔ. 11 Na Refaimfoɔ+ nso te sɛ Anakimfoɔ+ no, na na Moabfoɔ frɛ wɔn Emimfoɔ. 12 Berɛ bi na Horifoɔ+ nso te Seir, na Esau+ mma no tuu wɔn tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asase no tenaa so,+ sɛdeɛ Israel nso bɛfa asase a ɛyɛ n’agyapadeɛ a Yehowa de bɛma wɔn no.) 13 Afei monsɔre nkɔtwa Sered subɔn no.’ Enti yɛkɔtwaa Sered subɔn+ no. 14 Nna a yɛde nante firii Kades-Barnea kɔsii sɛ yɛtwaa Sered subɔn no si mfeɛ aduasa nwɔtwe, kɔsii sɛ saa berɛ no sofoɔ mmarima a wɔbɛtumi akɔ ko no nyinaa saa wɔ dɔm no mu, sɛdeɛ Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 15 Yehowa tenee ne nsa+ wɔn so na ɔmaa wɔn ho hiahiaa wɔn kɔsii sɛ saafoɔ no sa firii dɔm no mu.+
16 “Ɛbaa sɛ berɛ a mmarima a wɔbɛtumi akɔ ko no nyinaa wuwu maa wɔn ase tɔre firii ɔman no mu no,+ 17 Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 18 ‘Ɛnnɛ woretwam afa Moab asase Ar+ so. 19 Na sɛ wobɛn Ammonfoɔ a, nhunahuna wɔn na wo ne wɔn nnni aperepereɛ, na meremma wo Ammonfoɔ asase no bi ntena so, ɛfiri sɛ mede ama Lot mma sɛ wɔntena so.+ 20 Na ɛyɛ Refaimfoɔ+ asase. (Berɛ bi na Refaimfoɔ na wɔte soɔ, na na Ammonfoɔ frɛ wɔn Samsumim. 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware sɛ Anakimfoɔ.+ Na Yehowa sɛee+ wɔn firii wɔn anim, enti wɔtuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so. 22 Saa ara na ɔyɛ maa Esau asefoɔ a na wɔte Seir+ no. Ɔsɛee Horifoɔ+ firii wɔn anim na ɔmaa wɔtuu wɔn faa wɔn asase no tenaa so de bɛsi nnɛ. 23 Awimfoɔ+ a na wɔte Gasa+ no deɛ, Kaftorimfoɔ+ a wɔfiri Kaftor+ no sɛee wɔn faa wɔn asase tenaa so.)
24 “‘Monsɔre nkɔtwa Arnon+ subɔn no. Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti momfiri aseɛ mfa n’asase na mo ne no nko. 25 Ɛnnɛ mɛma aman a wɔwɔ ɔsoro aseɛ a wɔbɛte mo nka nyinaa abɔ hu na wɔasuro mo. Na mo nti, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho ahyehye wɔn sɛ obi a ɔrewoɔ.’+
26 “Afei metuu abɔfoɔ firii Kedemot+ serɛ so sɛ wɔnkɔka asomdwoeɛsɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon+ sɛ, 27 ‘Mesrɛ wo ma mentwam mfa w’asase so. Tempɔn no ara so na mɛfa, na meremmane nifa anaa benkum.+ 28 Aduane a wobɛtɔn ama me na mɛdie, na nsuo a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Deɛ meresrɛ ara ne baabi a mede me nan bɛtia,+ 29 sɛdeɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir+ ne Moabfoɔ+ a wɔte Ar yɛɛ me no, akɔsi sɛ mɛtwa Yordan akɔ asase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no soɔ.’+ 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa no senee ne kɔn na ɔpirim n’akoma,+ na ama no de no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.+
31 “Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafiri aseɛ redane Sihon ne n’asase ama wo, enti kɔfa n’asase no.’+ 32 Berɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ne yɛn firii aseɛ koo wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa,+ na yɛdii ɔne ne mma ne ne manfoɔ nyinaa so nkonim.+ 34 Na yɛko faa ne nkuro nyinaa sɛee no;+ na yɛkunkum emu mmarima ne mmaa ne mmɔfra nyinaa. Yɛannya onipa baako mpo. 35 Nyɛmmoa ne asadeɛ foforɔ a yɛnyaa no nkuro no mu na yɛfaeɛ.+ 36 Ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon subɔn no ho ne kuro a ɛwɔ bɔn mu no kɔsi Gilead no, na kuro biara nni hɔ a ɛsõ dodo ma yɛn.+ Yehowa yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa. 37 Nanso Ammonfoɔ+ asase no, Yabok+ subɔn no ho nyinaa, ne bepɔ no so nkuro, ne baabiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ho mmara maeɛ deɛ, moammɛn hɔ koraa.