Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 2
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔkyinkyinii serɛ no so mfeɛ 38 (1-23)

      • Wɔdii Hesbon hene Sihon so nkonim (24-37)

Deuteronomium 2:1

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:25

Deuteronomium 2:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:14; De 23:7
  • +Ge 27:39, 40; 36:8, 9
  • +Ex 15:15; 23:27

Deuteronomium 2:5

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “moanhyɛ wɔn abufuo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 32:8; Yos 24:4; Aso 17:26

Deuteronomium 2:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:18, 19

Deuteronomium 2:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 29:5; Ne 9:21; Dw 23:1; 34:9, 10

Deuteronomium 2:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:20, 21
  • +2Be 8:17
  • +Nu 21:13; Ate 11:17, 18; 2Be 20:10

Deuteronomium 2:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:36, 37

Deuteronomium 2:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 14:5

Deuteronomium 2:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:11; 1Be 20:6
  • +Nu 13:22, 33

Deuteronomium 2:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 14:6; 36:20
  • +Ge 27:39, 40

Deuteronomium 2:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:12

Deuteronomium 2:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:33; 32:11; De 1:35; Dw 95:11; Heb 3:18; Yuda 5

Deuteronomium 2:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 10:1, 5

Deuteronomium 2:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 26:63, 64

Deuteronomium 2:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 19:36, 38; De 2:9; Ate 11:15; 2Be 20:10; Aso 17:26

Deuteronomium 2:20

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:18-20; De 3:11

Deuteronomium 2:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:33; De 9:1, 2

Deuteronomium 2:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 36:8
  • +Ge 14:6; De 2:12

Deuteronomium 2:23

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, Kreta.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 10:19
  • +Ge 10:13, 14

Deuteronomium 2:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:13
  • +Nu 21:23

Deuteronomium 2:25

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Anaa “wɔadi yea te sɛ obi a ɔrewo.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 15:14; 23:27; De 11:25; Yos 2:9, 10

Deuteronomium 2:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yos 13:15, 18; 21:8, 37
  • +De 20:10

Deuteronomium 2:27

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:21, 22

Deuteronomium 2:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 9:18
  • +Nu 21:25

Deuteronomium 2:31

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 32:33; Dw 135:10-12

Deuteronomium 2:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:23, 24; Ate 11:20

Deuteronomium 2:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 20:16, 17

Deuteronomium 2:36

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:12; 4:47, 48; Yos 13:8, 9
  • +Dw 44:3

Deuteronomium 2:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 3:16; Ate 11:15
  • +Nu 21:23, 24

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 2:1Nu 14:25
Deut. 2:4Nu 20:14; De 23:7
Deut. 2:4Ge 27:39, 40; 36:8, 9
Deut. 2:4Ex 15:15; 23:27
Deut. 2:5De 32:8; Yos 24:4; Aso 17:26
Deut. 2:6Nu 20:18, 19
Deut. 2:7De 29:5; Ne 9:21; Dw 23:1; 34:9, 10
Deut. 2:8Nu 20:20, 21
Deut. 2:82Be 8:17
Deut. 2:8Nu 21:13; Ate 11:17, 18; 2Be 20:10
Deut. 2:9Ge 19:36, 37
Deut. 2:10Ge 14:5
Deut. 2:11De 3:11; 1Be 20:6
Deut. 2:11Nu 13:22, 33
Deut. 2:12Ge 14:6; 36:20
Deut. 2:12Ge 27:39, 40
Deut. 2:13Nu 21:12
Deut. 2:14Nu 14:33; 32:11; De 1:35; Dw 95:11; Heb 3:18; Yuda 5
Deut. 2:151Ko 10:1, 5
Deut. 2:16Nu 26:63, 64
Deut. 2:19Ge 19:36, 38; De 2:9; Ate 11:15; 2Be 20:10; Aso 17:26
Deut. 2:20Ge 15:18-20; De 3:11
Deut. 2:21Nu 13:33; De 9:1, 2
Deut. 2:22Ge 36:8
Deut. 2:22Ge 14:6; De 2:12
Deut. 2:23Ge 10:19
Deut. 2:23Ge 10:13, 14
Deut. 2:24Nu 21:13
Deut. 2:24Nu 21:23
Deut. 2:25Ex 15:14; 23:27; De 11:25; Yos 2:9, 10
Deut. 2:26Yos 13:15, 18; 21:8, 37
Deut. 2:26De 20:10
Deut. 2:27Nu 21:21, 22
Deut. 2:30Ro 9:18
Deut. 2:30Nu 21:25
Deut. 2:31Nu 32:33; Dw 135:10-12
Deut. 2:32Nu 21:23, 24; Ate 11:20
Deut. 2:34De 20:16, 17
Deut. 2:36De 3:12; 4:47, 48; Yos 13:8, 9
Deut. 2:36Dw 44:3
Deut. 2:37De 3:16; Ate 11:15
Deut. 2:37Nu 21:23, 24
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 2:1-37

Deuteronomium

2 “Ɛnna yɛdanee yɛn ho kɔfaa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ serɛ so, sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ me no,+ na yɛde nna pii kyinkyinii Seir Bepɔ ho. 2 Afei Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, 3 ‘Moakyinkyini bepɔ yi ho akyɛ. Seesei monnane mo ani nkyerɛ atifi fam. 4 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: “Morekɔfa mo nuanom Esau asefoɔ+ a wɔte Seir+ no hyeɛ so. Sɛ wɔhu mo a, ehu bɛka wɔn,+ enti monhwɛ mo ho yie. 5 Monhwɛ na mo ne wɔn anko,* na wɔn asaase no, meremfa anammɔn baako mpo mma mo, ɛfiri sɛ mede Seir Bepɔ ama Esau sɛ n’agyapadeɛ.+ 6 Aduane a mobɛdi biara momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ, na nsuo a mobɛnom nso momfa sika ntɔ mfiri wɔn hɔ.+ 7 Deɛ moayɛ nyinaa Yehowa mo Nyankopɔn ahyira so. Ɔnim sɛdeɛ moanante serɛ kɛseɛ yi so. Yehowa mo Nyankopɔn adi mo akyi mfeɛ 40 yi nyinaa, na hwee nhiaa mo.”’+ 8 Enti yɛtwaam faa yɛn nuanom Esau asefoɔ+ a wɔte Seir no ho, na yɛtwaa Araba ne Elat ne Esion-Geber+ kwan gyaaeɛ.

“Afei yɛdanee yɛn ho de yɛn ani kyerɛɛ Moab+ serɛ so kwan no so. 9 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Nhunahuna Moab na wo ne wɔn nnko, na wɔn asaase no, meremma wo bi ntena so, ɛfiri sɛ mede Ar ama Lot mma+ sɛ wɔn agyapadeɛ. 10 (Berɛ bi, na Emimfoɔ+ a wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ na wɔte hɔ. 11 Refaimfoɔ+ nso, na wɔte sɛ Anakfoɔ,+ na na Moabfoɔ frɛ wɔn Emimfoɔ. 12 Berɛ bi, Horifoɔ+ na na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ tɔree wɔn ase, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so,+ sɛdeɛ Israel nso bɛfa asaase a ɛyɛ agyapadeɛ a Yehowa de bɛma wɔn no.) 13 Afei monsɔre nkɔtwa Sered Bɔn no.’ Enti yɛkɔtwaa Sered Bɔn no.+ 14 Nna a yɛde nante firii Kades-Barnea kɔsii sɛ yɛtwaa Sered Bɔn no si mfeɛ 38, na saa berɛ no, ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko no nyinaa ase hyeeɛ, sɛdeɛ Yehowa kaa wɔn ntam no.+ 15 Yehowa tenee ne nsa wɔ wɔn so kɔsii sɛ ɔtɔree wɔn nyinaa ase firii ɔman no mu.+

16 “Berɛ a ɔman no mu mmarima a wɔbɛtumi akɔ ɛko no nyinaa wuwuiɛ no,+ 17 ɛhɔ ara na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ, 18 ‘Ɛnnɛ worekɔtwam wɔ Moab asaase Ar so. 19 Sɛ wobɛn Ammonfoɔ a, nhunahuna wɔn na nhyɛ wɔn abufuo nso, na Ammonfoɔ asaase no, meremma wo bi ntena so, ɛfiri sɛ mede ama Lot mma sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 20 Ɛhɔ nso berɛ bi, na ɛyɛ Refaimfoɔ asaase.+ (Refaimfoɔ na na wɔte hɔ, na na Ammonfoɔ frɛ wɔn Samsumim. 21 Wɔyɛ nnipa a na wɔn ho yɛ den na wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ.+ Nanso Yehowa sɛee wɔn firii Ammonfoɔ anim, na wɔtuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so. 22 Saa ara na ɔyɛ maa Esau asefoɔ a seesei wɔte Seir no.+ Ɔsɛee Horifoɔ+ firii wɔn anim, na ɔmaa wɔtuu wɔn faa wɔn asaase tenaa so, na wɔatena hɔ abɛsi nnɛ. 23 Awimfoɔ a berɛ bi na wɔtete Gasa+ nkuraaseɛ no deɛ, Kaftorimfoɔ+ a wɔfiri Kaftor* baeɛ no bɛsɛee wɔn, na wɔfaa wɔn asaase tenaa so.)

24 “‘Monsɔre nkɔtwa Arnon Bɔn no.+ Hwɛ, mede Hesbon hene Sihon+ a ɔyɛ Amorini no ahyɛ mo nsa. Enti momfiri aseɛ mfa n’asaase na mo ne no nko. 25 Ɛnnɛ mɛma aman a ɛwɔ ɔsoro ase a wɔbɛte mo nka nyinaa abɔ hu na wɔasuro mo. Na mo nti, wɔn ho bɛpopo na wɔn ho ayera wɔn.’*+

26 “Afei metuu abɔfoɔ firii Kedemot+ serɛ so sɛ wɔnkɔka asomdwoeɛsɛm+ nkyerɛ Hesbon hene Sihon sɛ, 27 ‘Ma mentwam mfa w’asaase so. Kwantempɔn no ara so na mɛfa; meremmane nifa anaa benkum.+ 28 Aduane a wobɛtɔn ama me na mɛdi, na nsuo a wobɛtɔn ama me na mɛnom. Deɛ meresrɛ ara ne baabi a mede me nan bɛtia. 29 Saa ara na Esau asefoɔ a wɔte Seir ne Moabfoɔ a wɔte Ar yɛɛ me. Na wo nso yɛ me saa kɔsi sɛ mɛtwa Yordan akɔ asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de ama yɛn no so.’ 30 Nanso Hesbon hene Sihon amma yɛamfa n’asaase so, ɛfiri sɛ Yehowa mo Nyankopɔn maa kwan maa ɔsenee ne kɔn+ na ɔpirim n’akoma, na ama ɔde no ahyɛ mo nsa sɛdeɛ nnɛ mo ani tua yi.+

31 “Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Hwɛ, mafiri aseɛ redane Sihon ne n’asaase ama wo, enti firi aseɛ fa n’asaase no.’+ 32 Berɛ a Sihon ne ne dɔm nyinaa bɛhyiaa yɛn ne yɛn firii aseɛ koo wɔ Yahas no,+ 33 Yehowa yɛn Nyankopɔn de no hyɛɛ yɛn nsa, enti yɛdii ɔne ne mma ne ne manfoɔ nyinaa so nkonim. 34 Saa berɛ no, yɛko faa ne nkuro nyinaa sɛee no, na yɛkunkum emu mmarima, mmaa, ne mmɔfra nyinaa. Yɛannya onipa baako mpo.+ 35 Wɔn nyɛmmoa nko ara na yɛfaeɛ, na yɛnyaa nneɛma foforɔ nso wɔ nkuro a yɛko faeɛ no mu. 36 Ɛfiri Aroer+ a ɛwɔ Arnon Bɔn no ho (ne kuro a ɛwɔ bɔn mu) kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛboro yɛn ahoɔden so. Yehowa yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.+ 37 Nanso Ammonfoɔ asaase+ no, Yabok+ Bɔn no ho nyinaa, ne bepɔ no so nkuro, ne baabiara a Yehowa yɛn Nyankopɔn kaa sɛ mma yɛnnkɔ no deɛ, yɛankɔ hɔ.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane