Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 1
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Deuteronomium Nwoma No Mu Nsɛntitire

      • Wɔfirii Horeb mmepɔ so (1-8)

      • Wɔyiyii mpanimfoɔ ne atemmufoɔ (9-18)

      • Wɔyɛɛ asoɔden wɔ Kades-Barnea (19-46)

        • Ná Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔkɔ asaase no so (26-33)

        • Wɔantumi anni Kaananfoɔ no so (41-46)

Deuteronomium 1:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 9:23

Deuteronomium 1:3

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “Israel mma.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 32:13; 33:38

Deuteronomium 1:4

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɔnam Yehowa tumi so.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 21:23, 24; Yos 12:1, 2
  • +Nu 21:33-35
  • +Yos 13:8, 12

Deuteronomium 1:5

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 4:8; 17:18; Ne 8:7

Deuteronomium 1:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 19:1; Nu 10:11, 12

Deuteronomium 1:7

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Lebanon mmepɔ.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:16
  • +Yos 12:2, 3
  • +Yos 9:1, 2
  • +Yos 13:1, 5; 1Ah 9:19
  • +Ge 15:18

Deuteronomium 1:8

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “aba.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 26:3
  • +Ge 28:13
  • +Ge 12:7; 13:14, 15; 17:1, 7

Deuteronomium 1:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:17, 18

Deuteronomium 1:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ge 15:1, 5; Ex 32:13; Nu 26:51; De 10:22

Deuteronomium 1:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ah 3:8
  • +Ge 12:1-3; 22:15, 17; 26:3, 4; Ex 23:25

Deuteronomium 1:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:17, 18; Nu 11:11; 20:3

Deuteronomium 1:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:21

Deuteronomium 1:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 18:25

Deuteronomium 1:16

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:8; De 16:18; Yoh 7:24
  • +Ex 22:21; Le 19:34; 24:22

Deuteronomium 1:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 19:15; Ro 2:11
  • +Ex 23:3
  • +Mme 29:25
  • +2Be 19:6
  • +Ex 18:25, 26

Deuteronomium 1:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 10:12; De 8:14, 15; Yer 2:6
  • +Nu 13:29
  • +Nu 13:26

Deuteronomium 1:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 23:27; De 1:8

Deuteronomium 1:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:1, 2

Deuteronomium 1:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:3

Deuteronomium 1:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:17

Deuteronomium 1:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 13:23-27

Deuteronomium 1:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:1-4

Deuteronomium 1:28

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “abɛnane.”

  • *

    Kyerɛ sɛ, ɛwɔ afasuo atenten.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 32:9; Yos 14:7, 8
  • +Nu 13:28, 33
  • +Nu 13:22; Yos 11:21

Deuteronomium 1:29

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:9

Deuteronomium 1:30

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 14:14; Yos 10:42
  • +Nu 14:22

Deuteronomium 1:32

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 78:22; 106:24; Heb 3:16, 19; Yuda 5

Deuteronomium 1:33

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 13:21; 40:36; Nu 10:33, 34; Dw 78:14

Deuteronomium 1:34

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:28, 35; 32:10-12; De 2:14; Dw 95:11; Heb 3:11

Deuteronomium 1:35

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:29, 35; 1Ko 10:1, 5; Heb 3:17

Deuteronomium 1:36

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Nt., “akoma mũ; akoma mua.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:24; Yos 14:9

Deuteronomium 1:37

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 20:12; 27:13, 14; De 3:26; Dw 106:32

Deuteronomium 1:38

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Ɛbɛtumi nso akyerɛ, “Onyankopɔn ahyɛ no den.”

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 33:11; Nu 11:28
  • +Nu 14:38
  • +Nu 27:18; De 31:7; Yos 1:6, 9

Deuteronomium 1:39

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:3
  • +Nu 14:30, 31

Deuteronomium 1:40

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:25

Deuteronomium 1:41

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Nu 14:39-45

Deuteronomium 1:42

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Le 26:14, 17

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Deut. 1:2De 9:23
Deut. 1:3Nu 32:13; 33:38
Deut. 1:4Nu 21:23, 24; Yos 12:1, 2
Deut. 1:4Nu 21:33-35
Deut. 1:4Yos 13:8, 12
Deut. 1:5De 4:8; 17:18; Ne 8:7
Deut. 1:6Ex 19:1; Nu 10:11, 12
Deut. 1:7Yos 13:1, 5; 1Ah 9:19
Deut. 1:7Ge 15:18
Deut. 1:7Ge 15:16
Deut. 1:7Yos 12:2, 3
Deut. 1:7Yos 9:1, 2
Deut. 1:8Ge 26:3
Deut. 1:8Ge 28:13
Deut. 1:8Ge 12:7; 13:14, 15; 17:1, 7
Deut. 1:9Ex 18:17, 18
Deut. 1:10Ge 15:1, 5; Ex 32:13; Nu 26:51; De 10:22
Deut. 1:111Ah 3:8
Deut. 1:11Ge 12:1-3; 22:15, 17; 26:3, 4; Ex 23:25
Deut. 1:12Ex 18:17, 18; Nu 11:11; 20:3
Deut. 1:13Ex 18:21
Deut. 1:15Ex 18:25
Deut. 1:16Ex 23:8; De 16:18; Yoh 7:24
Deut. 1:16Ex 22:21; Le 19:34; 24:22
Deut. 1:17Le 19:15; Ro 2:11
Deut. 1:17Ex 23:3
Deut. 1:17Mme 29:25
Deut. 1:172Be 19:6
Deut. 1:17Ex 18:25, 26
Deut. 1:19Nu 10:12; De 8:14, 15; Yer 2:6
Deut. 1:19Nu 13:29
Deut. 1:19Nu 13:26
Deut. 1:21Ex 23:27; De 1:8
Deut. 1:22Nu 13:1, 2
Deut. 1:23Nu 13:3
Deut. 1:24Nu 13:17
Deut. 1:25Nu 13:23-27
Deut. 1:26Nu 14:1-4
Deut. 1:28Nu 32:9; Yos 14:7, 8
Deut. 1:28Nu 13:28, 33
Deut. 1:28Nu 13:22; Yos 11:21
Deut. 1:29Nu 14:9
Deut. 1:30Ex 14:14; Yos 10:42
Deut. 1:30Nu 14:22
Deut. 1:32Dw 78:22; 106:24; Heb 3:16, 19; Yuda 5
Deut. 1:33Ex 13:21; 40:36; Nu 10:33, 34; Dw 78:14
Deut. 1:34Nu 14:28, 35; 32:10-12; De 2:14; Dw 95:11; Heb 3:11
Deut. 1:35Nu 14:29, 35; 1Ko 10:1, 5; Heb 3:17
Deut. 1:36Nu 14:24; Yos 14:9
Deut. 1:37Nu 20:12; 27:13, 14; De 3:26; Dw 106:32
Deut. 1:38Ex 33:11; Nu 11:28
Deut. 1:38Nu 14:38
Deut. 1:38Nu 27:18; De 31:7; Yos 1:6, 9
Deut. 1:39Nu 14:3
Deut. 1:39Nu 14:30, 31
Deut. 1:40Nu 14:25
Deut. 1:41Nu 14:39-45
Deut. 1:42Le 26:14, 17
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
  • 41
  • 42
  • 43
  • 44
  • 45
  • 46
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Deuteronomium 1:1-46

Deuteronomium

1 Wei ne nsɛm a Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa wɔ serɛ so wɔ Yordan mpɔtamu, kyerɛ sɛ, serɛ a ɛwɔ Suf anim wɔ Paran, Tofel, Laban, Haserot, ne Disahab ntam no. 2 Ɛfiri Horeb kɔfa Seir mmepɔ ho kɔ Kades-Barnea+ no yɛ nnafua 11 kwan. 3 Afe a ɛtɔ so 40,+ bosome a ɛtɔ so 11 no da a ɛdi kan no, Mose kaa deɛ Yehowa ka kyerɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ Israelfoɔ* no. 4 Saa berɛ no, na Mose* adi Amorifoɔ hene Sihon+ a ɔte Hesbon ne Basan hene Og+ a ɔte Astarot no nyinaa so nkonim wɔ Edrei.+ 5 Mose kyerɛkyerɛɛ Mmara+ yi mu wɔ Moab asaase so wɔ Yordan mpɔtamu hɔ sɛ:

6 “Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn wɔ Horeb sɛ, ‘Moatena mmepɔ yi mu akyɛ.+ 7 Monnane mo ho nkɔfa Amorifoɔ+ mmepɔ so ne mmeaeɛ a ɛbembɛn Araba,+ mfimfini fam mmepɔ, Sefela, Negeb, ɛpo no ano,+ Kaananfoɔ asaase so, ne Lebanon,*+ nkɔsi asubɔnten kɛseɛ Eufrate ho.+ 8 Monhwɛ, mede asaase no rema mo. Monkɔfa asaase a Yehowa kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom Abraham, Isak,+ ne Yakob+ sɛ ɔde bɛma wɔne wɔn asefoɔ* a wɔbɛdi wɔn akyi aba no.’+

9 “Na meka kyerɛɛ mo saa berɛ no sɛ, ‘Me nko ara merentumi nhwɛ mo so.+ 10 Yehowa mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na nnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma.+ 11 Yehowa mo agyanom Nyankopɔn mma monnɔɔso+ mmɔho apem, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no.+ 12 Ɛbɛyɛ dɛn na me nko ara matumi asoa mo haw duruduro no ne mo ntɔkwapɛ yi?+ 13 Monyi mo mmusuakuo mu mmarima anyansafoɔ a wɔn ani da fam na wɔwɔ suahunu, na memfa wɔn nsisi mo so.’+ 14 Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Deɛ woaka sɛ yɛnyɛ no yɛ ne kwan so.’ 15 Enti meyii wɔn a wɔdeda mo mmusuakuo ano, mmarima anyansafoɔ a wɔwɔ suahunu, yɛɛ wɔn mpanimfoɔ de wɔn sisii nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne du biara so, na meyii atitire wɔ mo mmusua so.+

16 “Saa berɛ no, meka kyerɛɛ atemmufoɔ a wɔwɔ mo mu no sɛ, ‘Sɛ moredi mo nuanom ntam asɛm a, mommu atɛntenenee+ wɔ obi ne ne nua anaa ɔne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ mo mu ntam.+ 17 Ɛnsɛ sɛ mohwɛ nnipa anim wɔ atemmuo mu.+ Ɔkɛseɛ ne kumaa nyinaa, montie wɔn asɛm pɛpɛɛpɛ.+ Ɛnsɛ sɛ mosuro nnipa anim,+ ɛfiri sɛ atemmuo no yɛ Onyankopɔn dea.+ Na sɛ asɛm a emu yɛ duru ma mo sɔre a, momfa mmrɛ me na menka.’+ 18 Saa berɛ no, mekyerɛɛ mo deɛ monyɛ nyinaa.

19 “Afei yɛtu firii Horeb de yɛn ani kyerɛɛ serɛ kɛseɛ a ɛso yɛ hu+ a mohunuiɛ no so, na yɛfaa Amorifoɔ mmepɔ no ho,+ sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn ka kyerɛɛ yɛn no, na yɛbɛduruu Kades-Barnea.+ 20 Afei meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Amorifoɔ mmepɔ a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no ho na moaba yi. 21 Hwɛ, Yehowa mo Nyankopɔn de asaase no ama mo, enti monkɔfa sɛdeɛ Yehowa mo agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.+ Monnsuro, na mommmɔ hu.’

22 “Ɛnna mo nyinaa mobaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Ma yɛnsoma mmarima mma wɔnni kan nkɔhwɛ asaase no na wɔmmɛkyerɛ yɛn kwan a yɛbɛfa so, ne nkuro a yɛrekɔ so.’+ 23 Mehuu sɛ ɛyɛ asɛmpa, enti meyii mmarima 12 firii mo mu, abusuakuo biara mu nipa baako.+ 24 Wɔde wɔn ani kyerɛɛ mmepɔ no so+ kɔduruu Eskol Bɔn ho, na wɔkɔhwɛɛ sɛdeɛ asaase no teɛ. 25 Afei wɔde asaase no so aba no bi bɛkyerɛɛ yɛn. Na wɔbɔɔ yɛn amanneɛ sɛ, ‘Asaase a Yehowa yɛn Nyankopɔn de rema yɛn no yɛ.’+ 26 Nanso na mompɛ sɛ mokɔ asaase no so, na deɛ Yehowa mo Nyankopɔn kaeɛ no, moanni so.+ 27 Na monwiinwii wɔ mo ntomadan mu sɛ, ‘Yehowa tan yɛn nti na wayi yɛn afiri Egypt asaase so de yɛn abɛhyɛ Amorifoɔ nsa sɛ wɔntɔre yɛn ase. 28 Ɛhe na yɛrekɔ yi? Yɛn nuanom abɛtu* yɛn akoma+ sɛ: “Asaase no sofoɔ soso woware sene yɛn, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro,*+ na yɛhuu Anak+ mma nso wɔ hɔ.”’

29 “Ɛnna meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Mommma mo akoma nntu, na monnsuro wɔn.+ 30 Yehowa mo Nyankopɔn bɛdi mo anim, na ɔbɛko ama mo+ sɛdeɛ mo ankasa mohuu sɛ ɔyɛ maa mo wɔ Egypt no.+ 31 Berɛ a Yehowa mo Nyankopɔn de mo bɔɔ ne bo sɛdeɛ ɔbarima de ne ba bɔ ne bo, na ɔde mo firii serɛ no so twaa kwan baa ha no, mohunuiɛ.’ 32 Deɛ mekaeɛ nyinaa akyi no, moannye Yehowa mo Nyankopɔn anni.+ 33 Nanso ɔno na ɔdii mo anim kɔhwɛɛ faako a mobɛtena. Sɛ ɛduru anadwo a, ɔnam gya so kyerɛ mo kwan, na awia nso ɔnam mununkum so.+

34 “Yehowa tee deɛ mokaeɛ nyinaa. Enti ne bo fuiɛ na ɔkaa ntam sɛ,+ 35 ‘Awoɔ ntoatoasoɔ bɔne yi mu barima baako mpo renhu asaase pa a mekaa mo agyanom ntam sɛ mede bɛma wɔn no,+ 36 gye Yefune ba Kaleb. Ɔno na ɔbɛhunu, na mede asaase a ɔkɔɔ so no bɛma ɔne ne mma, ɛfiri sɛ ɔde n’akoma nyinaa* adi Yehowa akyi.+ 37 (Mo nti, Yehowa bo fuu me mpo, na ɔkaa sɛ, “Wo nso worenkɔ hɔ bi.+ 38 Nun ba Yosua a ɔgyina w’anim yi+ na ɔbɛkɔ asaase no so.+ Hyɛ no den,*+ ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛma Israelfoɔ afa asaase no.”) 39 Afei nso, mo mma nkumaa a ɛnnɛ wɔnnim papa ne bɔne a mokaa sɛ asaase no sofoɔ bɛsoa wɔn akɔ no,+ wɔn na wɔbɛkɔ asaase no so, na mede bɛma wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.+ 40 Na mo deɛ, monnane mo ho nkɔfa Ɛpo Kɔkɔɔ no ho nkɔ serɛ no so.’+

41 “Ɛnna moka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛayɛ bɔne atia Yehowa. Afei deɛ, yɛbɛkɔ akɔko sɛdeɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn aka no!’ Enti mo nyinaa faa mo akodeɛ hyɛɛ mo ho susuu sɛ bepɔ no so kɔ yɛ mmerɛ.+ 42 Nanso Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ka kyerɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moamforo ankɔko, ɛfiri sɛ menka mo ho.+ Enti mokɔ a, mobɛdi nkoguo wɔ mo atamfo anim.”’ 43 Na me ne mo kasaeɛ, nanso moantie me na motwi faa Yehowa so sɛ morekɔ bepɔ no so. 44 Ɛnna Amorifoɔ a wɔte bepɔ no so no baa mo so na wɔtaa mo sɛ nwowa, na wɔbɔɔ mo hwete firii Seir kɔduruu Horma. 45 Afei mosan mo akyi bɛsu guu Yehowa so, nanso Yehowa antie na wammua mo. 46 Ɛno nti na motenaa Kades kyɛɛ saa no.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane