Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 13:23-27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 23 Berɛ a wɔbɛduruu Eskol Bɔn* ho no,+ wɔtwaa bobe nkorabata bi a bobe sia wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no mmienu na ɛtumi soaeɛ; wɔde ɛhɔ granate akutuo* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24 Bobe sia a Israelfoɔ twaa wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bɔn.*+

      25 Nnafua 40 akyi no,+ wɔfirii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbaeɛ no kyerɛɛ wɔn. 27 Deɛ wɔka kyerɛɛ Mose nie: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbaeɛ no bi nie.+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane