Numeri
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 2 “Soma mmarima bi ma wɔnwia wɔn ho nkɔhwɛ sɛdeɛ Kaanan asaase no teɛ, asaase a mede rema Israelfoɔ no. Abusuakuo biara mu, monyi ɔbarima baako nsoma no, ɔbarima a ɔyɛ abusuapanin.”+
3 Enti Mose somaa wɔn firii Paran serɛ so+ sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no. Ná mmarima no nyinaa yɛ Israel mpanimfoɔ. 4 Wɔn din nie: Ruben abusuakuo mu, wɔyii Sakur ba Sammua. 5 Simeon abusuakuo mu, wɔyii Hori ba Safat; 6 Yuda abusuakuo mu, wɔyii Yefune ba Kaleb;+ 7 Isakar abusuakuo mu, wɔyii Yosef ba Yigal; 8 Efraim abusuakuo mu, wɔyii Nun ba Hosea;+ 9 Benyamin abusuakuo mu, wɔyii Rafu ba Palti; 10 Sebulon abusuakuo mu, wɔyii Sodi ba Gadiel; 11 Yosef abusuakuo mu,+ wɔyii Susi ba Gadi maa Manase abusuakuo;+ 12 Dan abusuakuo mu, wɔyii Gemali ba Amiel; 13 Aser abusuakuo mu, wɔyii Mikael ba Setur; 14 Naftali abusuakuo mu, wɔyii Wofsi ba Nabi; 15 Gad abusuakuo mu, wɔyii Maki ba Geuel. 16 Mmarima a Mose somaa wɔn maa wɔwiaa wɔn ho kɔhwɛɛ asaase no, wɔn din ne no. Na Mose too Nun ba Hosea din Yosua.*+
17 Berɛ a Mose resoma wɔn ama wɔakɔhwɛ sɛdeɛ Kaanan asaase no teɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momforo nkɔ Negeb na montoa so nkɔ bepɔ no so.+ 18 Monkɔhwɛ sɛdeɛ asaase no teɛ,+ na monhwɛ sɛ nnipa a wɔtete so no ho yɛ den anaasɛ wɔn ho nyɛ den, wɔsua anaa wɔdɔɔso. 19 Afei monhwɛ sɛ asaase no yɛ anaasɛ ɛnyɛ, na monhwɛ sɛ wɔtete ntomadan mu anaasɛ wɔtete nkuro a afasuo wɔ ho mu. 20 Afei nso, monhwɛ sɛ asaase no yɛ asaase pa* anaasɛ awu,*+ nnua wɔ so anaasɛ ebi nni so. Monnya akokoɔduro+ na momfa asaase no so nnɔbaeɛ no bi mmra.” Saa berɛ no, na bobe a ɛdi kan abere.+
21 Enti wɔforo kɔe, na wɔkɔhwɛɛ sɛdeɛ asaase no teɛ. Wɔfiri Sina serɛ so+ kɔɔ Rehob+ baabi a ɛbɛn Lebo-Hamat.*+ 22 Berɛ a wɔforo kɔɔ Negeb no, wɔkɔduruu Hebron.+ Ɛhɔ na na Ahiman, Sesai, ne Talmai+ a wɔyɛ Anakfoɔ+ no teɛ. Hebron kuro no, wɔkyekyeree no mfeɛ nson ansa na wɔrekyekyere Soan a ɛwɔ Egypt no. 23 Berɛ a wɔbɛduruu Eskol Bɔn* ho no,+ wɔtwaa bobe nkorabata bi a bobe sia wɔ so. Wɔde hyɛɛ dua bi so, na mmarima no mmienu na ɛtumi soaeɛ; wɔde ɛhɔ granate akutuo* ne borɔdɔma aba no bi kaa ho.+ 24 Bobe sia a Israelfoɔ twaa wɔ hɔ nti, wɔtoo hɔ din Eskol* Bɔn.*+
25 Nnafua 40 akyi no,+ wɔfirii asaase a wɔkɔhwɛɛ so no so bae. 26 Enti wɔsan baa Mose ne Aaron ne Israel asafo no nyinaa nkyɛn wɔ Paran serɛ so wɔ Kades.+ Wɔbɛkaa deɛ wɔhunuiɛ kyerɛɛ asafo no nyinaa, na wɔde asaase no so nnɔbaeɛ no kyerɛɛ wɔn. 27 Deɛ wɔka kyerɛɛ Mose nie: “Yɛkɔɔ asaase a wosomaa yɛn so no so, na ampa, nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ na ɛso nnɔbaeɛ no bi nie.+ 28 Nanso wɔn a wɔte asaase no so no ho yɛ den, na wɔwɔ nkuro akɛseɛ a wɔabɔ ho ban. Yɛhuu Anakfoɔ no nso wɔ hɔ.+ 29 Amalekfoɔ+ no te Negeb+ asaase so, na Hitifoɔ ne Yebusifoɔ+ ne Amorifoɔ+ te bepɔ no so, ɛnna Kaananfoɔ+ nso te mpoano+ ne Yordan ho.”
30 Na Kaleb kasa kyerɛɛ ɔman no berɛ a wɔgyina Mose anim no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn akoma bɛtɔ wɔn yam. Ɔkaa sɛ: “Momma yɛmforo nkɔ seesei ara, na ɛkwan biara so yɛbɛdi wɔn so nkonim afa asaase no.”+ 31 Nanso mmarima a wɔne no foro kɔeɛ no kaa sɛ: “Yɛrentumi mforo nkɔ nkɔto nhyɛ nkurɔfoɔ no so, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene yɛn.”+ 32 Na wɔkɔɔ so ara de asaase a wɔkɔhwɛeɛ no ho amanneɛ a ɛtu akoma+ bɔɔ Israelfoɔ no sɛ: “Asaase a yɛkɔfaa so hwɛɛ sɛdeɛ ɛteɛ no yɛ asaase a ɛmene ɛsofoɔ, na nnipa a yɛhuu wɔn wɔ hɔ no nyinaa yɛ akantinka a yɛnhuu bi da.+ 33 Yɛhuu Nefilimfoɔ no nso wɔ hɔ, Anak mma+ a wɔfiri Nefilimfoɔ mu* no. Yɛyɛɛ sɛ mmɛbɛ wɔ wɔn ani so, na yɛn ankasa nso huu sɛ yɛayɛ sɛ mmɛbɛ.”