9“O Israel tie, ɛnnɛ woretwa Yordan+ akɔpamo aman akɛseɛ a ɛyɛ den sene wo+ na woakɔfa nkuro akɛseɛ a ɛho aban duru soro.*+2 Aman yi mu nnipa soso woware. Weinom ne Anak mma+ a wonim wɔn no. Wotee wɔn ho asɛm sɛ, ‘Hwan na ɔbɛtumi agyina Anak mma anim?’
21 Saa berɛ no, Anakfoɔ+ a wɔwɔ mmepɔ mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔ mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔ mu nyinaa, Yosua hyee wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkuro pasaa.+