Yosua
11 Berɛ a Hasor hene Yabin tee deɛ asie no, ntɛm ara na ɔde nkra kɔmaa Madon hene+ Yobab ne Simron hene ne Aksaf hene+ 2 ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam bepɔ so ne wɔn a wɔwɔ serɛ so* wɔ Kineret anaafoɔ fam ne wɔn a wɔwɔ Sefela ne wɔn a wɔwɔ Dor+ mmepɔ* so wɔ atɔeɛ fam 3 ne Kaananfoɔ+ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ+ ne Hitifoɔ ne Perisifoɔ ne Yebusifoɔ a wɔwɔ bepɔ so ne Hiwifoɔ+ a wɔwɔ Hermon+ ase wɔ Mispa asaase so. 4 Enti wɔne wɔn asraafoɔdɔm a wɔdɔɔso te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne ɛko nteaseɛnam bebree firi bae. 5 Ahemfo no nyinaa penee so sɛ wɔbɛhyia. Enti wɔbae, na wɔboaa wɔn ho ano wɔ Merom nsuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.
6 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Nsuro wɔn,+ na ɔkyena sɛsɛɛ mede wɔn nyinaa bɛhyɛ Israelfoɔ nsa ama wɔakunkum wɔn. Twitwa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini+ na fa egya hye wɔn nteaseɛnam.” 7 Ɛnna Yosua ne asraafoɔ no nyinaa faa Merom nsuo ho bɛto hyɛɛ wɔn so prɛko pɛ. 8 Na Yehowa de wɔn hyɛɛ Israelfoɔ no nsa+ maa wɔdii wɔn so nkonim. Wɔtii wɔn ara kɔduruu Sidon Kɛseɛ+ ne Misrefot-Maim+ ne Mispe Bɔn mu wɔ atɔeɛ fam. Wɔkunkum wɔn kɔsii sɛ wɔn nyinaa saeɛ.+ 9 Na deɛ Yehowa kaa sɛ Yosua nyɛ wɔn no, saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛɛ wɔn: Ɔtwitwaa wɔn apɔnkɔ nan akyi ntini, na ɔde egya hyee wɔn nteaseɛnam.+
10 Afei Yosua san n’akyi, na ɔfaa Hasor kuro no, na ɔde sekan kum ɛhɔ hene,+ ɛfiri sɛ kane no, na Hasor yɛ ahemman yi nyinaa ti. 11 Wɔde sekan kunkum nnipa* a ɛwɔ hɔ nyinaa sɛee wɔn.+ Wɔannya biribiara a ɛhome.+ Afei ɔde egya hyee Hasor. 12 Yosua faa ahemfo yi nkuro nyinaa, na ɔde sekan kunkum emu ahemfo nyinaa.+ Ɔsɛee wɔn,+ sɛdeɛ Yehowa akoa Mose kaa sɛ wɔnyɛ no. 13 Nkuro a ɛgu nkokoɔ so no deɛ, Israel anhye emu biara, gye Hasor. Ɛno nko ara na Yosua hyeeɛ. 14 Israelfoɔ no faa nkuro no mu nneɛma nyinaa ne nyɛmmoa.+ Nanso nnipa no deɛ, wɔde sekan kunkum wɔn nyinaa sɛee wɔn pasaa.+ Wɔannya obiara a ɔhome.+ 15 Deɛ Yehowa ka kyerɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose ka kyerɛɛ Yosua,+ na saa ara nso na Yosua yɛeɛ. Ɔyɛɛ deɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; baako mpo anka mu.+
16 Yosua faa asaase yi nyinaa: bepɔ no, ne Negeb+ nyinaa, ne Gosen asaase nyinaa, ne Sefela+ ne Araba+ ne Israel mmepɔ ne ne Sefela,* 17 ɛfiri Halak Bepɔ a ɛne Seir di nhwɛanimu kɔsi Baal-Gad+ a ɛwɔ Lebanon Bɔn mu wɔ Hermon Bepɔ+ ase. Ɔkyee wɔn ahemfo nyinaa dii wɔn so nkonim, na ɔkunkum wɔn. 18 Yosua ne ahemfo yi nyinaa koo nna pii. 19 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ apam, gye Hiwifoɔ a wɔte Gibeon no.+ Deɛ aka no nyinaa deɛ, wɔko fae.+ 20 Yehowa na ɔmaa kwan maa wɔpirim wɔn akoma+ sɛ wɔne Israelfoɔ mmɛko, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛsɛe wɔn a ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.+ Ná ɛsɛ sɛ wɔhye wɔn ase sɛdeɛ Yehowa ka kyerɛɛ Mose no.+
21 Saa berɛ no, Anakfoɔ+ a wɔwɔ mmepɔ mu, wɔn a wɔwɔ Hebron, wɔn a wɔwɔ Debir, wɔn a wɔwɔ Anab, wɔn a wɔwɔ Yuda mmepɔ mu nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Israel mmepɔ mu nyinaa, Yosua hyee wɔn ase. Yosua sɛee wɔne wɔn nkuro pasaa.+ 22 Wannya Anakni biara wɔ Israelfoɔ asaase so; Gasa+ ne Gat+ ne Asdod+ nko ara na ebi kaeɛ.+ 23 Afei Yosua faa nsaase no nyinaa sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ Mose bɔ no,+ na Yosua de maa Israel sɛ agyapadeɛ, sɛ wɔnkyekyɛm mma wɔn mmusuakuo no.+ Na wɔanko wɔ asaase no so bio.+