Numeri
12 Mose waree Kusni baa,+ na Kusni baa no nti, Miriam ne Aaron firii aseɛ kasa tiaa Mose. 2 Wɔkaa sɛ: “Adɛn, Mose nko ara na Yehowa nam ne so kasa? Yɛn deɛ, ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”+ Ne nyinaa, na Yehowa retie.+ 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a ɔdwo sene nnipa a wɔwɔ asaase so nyinaa.*+
4 Prɛko pɛ na Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam sɛ: “Mompue, mo mmiɛnsa nyinaa, monkɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho.” Enti wɔn mmiɛnsa pue kɔe. 5 Na Yehowa faa mununkum dum no mu siane bɛgyinaa ntomadan no ano,+ na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Na wɔn mmienu kɔe. 6 Ɛnna ɔkaa sɛ: “Mepa mo kyɛw, montie me. Sɛ Yehowa diyifoɔ bi wɔ mo mu a, anisoadehunu mu na mɛyi me ho adi akyerɛ no,+ na daeɛ mu na mɛkasa akyerɛ no.+ 7 Nanso ɛnyɛ saa na meyɛ m’akoa Mose! Mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.*+ 8 Me ne no kasa animu ne animu*+ ma ɔte biribiara ase; menkasa nkyerɛ no akasabebuo mu.* Na Yehowa yi ne ho adi kyerɛ no. Enti adɛn na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”
9 Enti Yehowa bo fuu wɔn dendeenden, na ɔgyaa wɔn hɔ kɔe. 10 Afei mununkum no firii ntomadan no so, na hwɛ! Miriam na kwata ayɛ no fitaa sɛ sukyerɛmma yi.+ Ɛnna Aaron twaa n’ani hwɛɛ Miriam, na ɔhuu sɛ kwata ayɛ no.+ 11 Ɛhɔ ara na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me wura, mepa wo kyɛw! Mma wɔmmfa bɔne yi ho asotwe mmma yɛn so. Yɛadi nkwaseasɛm! 12 Mepa wo kyɛw, mma ɔnnkɔ so nnyɛ sɛ obi a ɔfiri ne maame yafunu mu baeɛ no na wawu ama ne fã asɛe!” 13 Ɛnna Mose firii aseɛ su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mepa wo kyɛw, sa no yareɛ! Mepa wo kyɛw!”+
14 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ne papa na ɔtee ntasuo guu n’anim a, anka n’anim rengu ase nnanson anaa? Ma wɔnyi no mfiri asoɛeɛ hɔ nkɔ asoɛeɛ no akyi+ nnanson, na ɛno akyi no, mobɛtumi ama wɔasan de no aba hɔ.” 15 Enti wɔyii Miriam kɔɔ asoɛeɛ no akyi nnanson,+ na nkurɔfoɔ no antu amfiri asoɛeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔde Miriam san baa hɔ. 16 Ɛno akyi no, ɔman no tu firii Haserot,+ na wɔfirii aseɛ kyekyeree wɔn asoɛeɛ wɔ Paran serɛ so.+