Numeri
12 Mose waree Kusni baa, na Kusni baa+ no nti, Miriam ne Aaron kasa tiaa no. 2 Na wɔkaa sɛ: “Mose nko ara so na Yehowa nam kasa? Ɔmfa yɛn so nkasa bi anaa?”+ Saa berɛ no nyinaa na Yehowa retie.+ 3 Ná Mose yɛ ɔbarima a ɔdwo+ koraa sene obiara wɔ asase so.
4 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam sɛ: “Mo mmiɛnsa nyinaa mommra ahyiaeɛ ntomadan no ho.” Enti wɔn mmiɛnsa kɔeɛ. 5 Afei Yehowa nam mununkum+ dum mu siane bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam, na wɔn mmienu kɔeɛ. 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo montie me. Sɛ Yehowa diyifoɔ bi wɔ mo mu a, anisoadehunu+ mu na mɛyi me ho adi akyerɛ no, na daeɛ+ mu na mɛkasa akyerɛ no. 7 Ɛnte saa wɔ m’akoa Mose ho!+ Mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.+ 8 Me ne no kasa ano ne ano+ kyerɛ no biribiara pefee, na menkasa nkyerɛ no abebuo+ mu. Yehowa no ara yi ne ho adi kyerɛ no.+ Adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?”+
9 Yehowa bo fuu wɔn dendeenden, na ɔfirii hɔ kɔeɛ. 10 Ɛnna mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, kwata yɛɛ Miriam fitaa sɛ sukyerɛmma.+ Berɛ a Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no na kwata ayɛ no.+ 11 Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Me wura, yɛadi nkwaseasɛm. Na nhwɛ yɛn bɔne yi so ne yɛn nnni!+ 12 Mesrɛ wo, mma no nnyɛ sɛ obi a ɔfiri ne maame yafunu mu baeɛ no na wawu+ ama ne fã asɛeɛ!” 13 Ɛnna Mose su frɛɛ Yehowa sɛ: “O Onyankopɔn, mesrɛ wo, sa no yareɛ!”+
14 Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Sɛ ne papa na ɔtee ntasuo+ guu n’anim a, anka n’anim rengu ase nnanson? Fa no kɔsie+ nsraban no akyi+ baabi nnanson, na ɛno akyi no ma no nsan mmra.”+ 15 Enti ɔde Miriam kɔsiee nsraban no akyi baabi nnanson,+ na nkurɔfoɔ no antu amfiri hɔ kɔsii sɛ wɔde no baeɛ. 16 Ɛno akyi no ɔman no tu firii Haserot+ kɔtenaa Paran serɛ so.+