11Afei ɔman no firii aseɛ nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Berɛ a Yehowa teeɛ no ne bo fuu yie, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyee nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahyeɛ soɔ.+
4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte+ Rabsake nsɛm no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa+ Onyankopɔn teasefoɔ no. Na nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn ateɛ no nti, ɔbɛma no abu ho akonta.+ Ɛno nti bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka+ wɔ ha no.’”