4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akonta. Ɛno nti, bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”