Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
19 Berɛ a Ɔhene Hesekia tee asɛm no pɛ, ɔsuan n’ataadeɛ mu, na ɔfiraa awerɛhoɔ ntoma* kɔɔ Yehowa fie hɔ.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ no kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia nkyɛn,+ na na wɔfirafira awerɛhoɔ ntoma. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahokyerɛ ne animka* ne animguaseɛ da; ɛfiri sɛ yɛayɛ sɛ ɔbaa a awoɔ aka no* nanso ɔnni ahoɔden a ɔde bɛwo.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte nsɛm a Rabsake aka no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia.+ Na nsɛm a Yehowa, wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akonta. Ɛno nti, bɔ mpaeɛ+ ma wɔn a wɔaka a wɔwɔ ha no.’”
5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Mma nsɛm a woteeɛ no mmmɔ wo hu,+ abususɛm a Asiria hene nkoa aka atia me no.+ 7 Mede adwene bi bɛhyɛ ne tirim,* na ɔbɛte amanneɛbɔ bi, na wasan akɔ ɔno ara n’asaase so; na mɛma wɔde sekan aku no wɔ ɔno ara n’asaase so.”’”+
8 Berɛ a Rabsake tee sɛ Asiria hene afiri Lakis+ no, ɔkɔɔ ne nkyɛn, na ɔkɔtoo sɛ ɔne Libna reko.+ 9 Afei ɔhene no tee sɛ Etiopia hene Tirhaka aba sɛ ɔne no rebɛko. Enti ɔsan somaa nnipa bi+ sɛ wɔnkɔ Hesekia nkyɛn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne so no nnnaadaa wo sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Deɛ Asiria ahemfo de yɛɛ nsaase no nyinaa ne sɛdeɛ wɔsɛee wɔn pasaa no, woate dada.+ Wo na wobɛnya wo tiri adidi mu anaa? 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame tumi gyee wɔn anaa? Ɛhe na Gosan, Haran,+ Resef, ne Edenfoɔ a na wɔwɔ Tel-Asar no wɔ? 13 Ɛhe na Hamat hene ne Arpad hene ne Sefarwayim ne Hena ne Iwa nkuro so ahemfo no wɔ?’”+
14 Ɛnna Hesekia gyee nwoma no firii nkurɔfoɔ a wɔsomaa wɔn no nsam kenkaneeɛ, na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ mpaeɛ+ wɔ Yehowa anim sɛ: “O Yehowa, Israel Nyankopɔn a wote kerubim so,*+ wo nko ara ne nokorɛ Nyankopɔn wɔ asaase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asaase. 16 O Yehowa, yɛ aso na tie!+ O Yehowa, bue w’ani na hwɛ!+ Tie nsɛm a Senaherib asoma sɛ wɔmfa mmɛbu Onyankopɔn teasefoɔ no animtia. 17 O Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe amanaman ne wɔn nsaase.+ 18 Afei nso, wɔato wɔn anyame agu gya mu, ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ; ɛno nti na wɔtumi sɛee wɔn no. 19 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam na asaase so ahennie nyinaa nhu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+
20 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Asiria hene Senaherib+ ho mpaeɛ a wobɔɔ me no, mate.+ 21 Yehowa asɛm a waka atia no nie:
“Sion babaa, ɔbaabunu no, abu wo animtia, na wo ho yɛ no sere.
Yerusalem babaa no awoso ne ti akyerɛ wo.
22 Hwan na woabu no animtia aka abususɛm atia no yi?+
Hwan na woateateam agu ne so+
Na woama w’ani atra w’ani ntɔn wɔ ne so yi?
Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+
23 Wonam w’abɔfoɔ so+ abu Yehowa animtia+ aka sɛ,
‘Ɛko nteaseɛnam bebree a mewɔ no,
Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,
Lebanon akyirikyiri.
Mɛtwitwa sida nnua atenten ne papao nnua fɛfɛ a ɛwɔ hɔ no agu.
Mɛkɔ mmeaeɛ a ɛwɔ akyirikyiri, ne ne kwaeɛbirentuo mu.
25 Wontee anaa? Ɛfiri tete na mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ.*+
Mehyɛ too hɔ nyɛ nnɛ.+
Afei mɛma no aba mu.+
Wobɛma nkuro a wɔabɔ ho ban adane amamfo.*+
26 Emu nnipa bɛyɛ mmɔbɔ;
Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.
27 Berɛ a wote hɔ ne berɛ a worekɔ ba nyinaa m’ani tua,+
Na w’ani bere me so nso a, mehunu,+
28 Ɛfiri sɛ sɛdeɛ w’ani abere me so+ na worebobom no, mate.+
Enti mede me daawa bɛwura wo hwenem, na mede me nnareka+ ato w’ano,
Na ɛkwan a wofaa so baeɛ no, ɛno ara so na mɛma woafa akɔ.”+
29 “‘Wei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo:* Afe yi, mobɛdi hwiit* a ɛno ara afifi;* afe a ɛtɔ so mmienu no nso, mobɛdi hwiit a ɛno ara afifi;+ nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mobɛgu aba na moatwa, na moayeyɛ bobefuo* na moadi mu aba.+ 30 Yuda fiefoɔ a wɔbɛnya wɔn tiri adidi mu, wɔn a wɔbɛka no,+ wɔn nhini bɛwurawura fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba. 31 Na nkaefoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛfiri Sion Bepɔ so aba. Asafo Yehowa ahokeka nti na ɔbɛyɛ wei.+
32 “‘Enti deɛ Yehowa aka afa Asiria hene ho nie:+
33 Ɛkwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛfa akɔ,
Na ɔremma kuro yi mu,” Yehowa na aka.
35 Anadwo no ara, Yehowa bɔfoɔ pue kɔɔ Asiriafoɔ asoɛeɛ hɔ kɔkunkum mmarima 185,000.+ Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔhuu sɛ afunu ayɛ hɔ ma.+ 36 Enti Asiria hene Senaherib firii hɔ, na ɔsan kɔɔ Niniwe+ kɔtenaa hɔ.+ 37 Na berɛ a ɔkɔɔ ne nyame Nisrok fie* kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma mmarima Adramelek ne Sareser de sekan kum no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat asaase so.+ Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.