Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
18 Israel hene Ela ba Hosea+ ahennie afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, Yuda hene Ahas+ ba Hesekia+ bɛdii hene. 2 Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ 25, na ɔdii adeɛ mfeɛ 29 wɔ Yerusalem. Ne maame din de Abi,* na na ɔyɛ Sakaria ba.+ 3 Ɔyɛɛ deɛ ɛtene wɔ Yehowa ani so+ sɛdeɛ ne nana Dawid yɛeɛ no.+ 4 Ɔno na ɔyiyii sorɔnsorɔmmea* no+ bubuu abosom adum no pasaa, na ɔtwitwaa ɔbosom dua* no guiɛ.+ Kɔbere ɔwɔ a Mose yɛeɛ no+ nso, ɔbubuu no pasaa, ɛfiri sɛ ɛde bɛsi saa berɛ no, na Israelfoɔ no hye afɔrebɔdeɛ wɔ anim, na na wɔfrɛ no kɔbere ɔwɔ honi.* 5 Ɔde ne ho too Yehowa, Israel Nyankopɔn so.+ Yuda ahemfo a wɔdii no kan ne wɔn a wɔbaa n’akyi no, na obiara nte sɛ ɔno. 6 Ɔbataa Yehowa ho.+ Wamfiri n’akyi; ɔkɔɔ so dii Yehowa mmara nsɛm a ɔde maa Mose no so. 7 Na Yehowa dii n’akyi. Biribiara a ɔyɛeɛ no, ɔde nyansa na ɛyɛeɛ. Ɔtee Asiria hene so atua, na wansom no.+ 8 Afei nso, ɔkunkum Filistifoɔ+ kɔduruu Gasa ne n’ahyeɛ so, ɛfiri awɛmfoɔ aban so kɔsi nkuro a wɔabɔ ho ban so.*
9 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so nnan no, na ɛyɛ Israel hene Ela ba Hosea+ ahennie afe a ɛtɔ so nson. Saa berɛ no, Asiria hene Salmaneser baa Samaria so bɛtwaa ho hyiaeɛ.+ 10 Mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Asiriafoɔ no dii so nkonim.+ Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so nsia a ɛyɛ Israel hene Hosea ahennie afe a ɛtɔ so nkron mu na wɔdii Samaria so nkonim. 11 Ɛnna Asiria hene soaa Israelfoɔ kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan ho ne Mediafoɔ nkuro mu.+ 12 Deɛ enti a ɛbaa saa ne sɛ, wɔantie Yehowa wɔn Nyankopɔn nne, na mmom wɔbuu n’apam so. Deɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ wɔn no nyinaa,+ wɔantie na wɔanyɛ.
13 Ɔhene Hesekia ahennie afe a ɛtɔ so 14 mu no, Asiria hene Senaherib+ foro ba bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a wɔabɔ ho ban nyinaa so, na ɔfae.+ 14 Afei Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asiria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: “Manyɛ no yie. San kɔ, na ɛboɔ a wobɛtwa ama me biara, mɛtua.” Enti Asiria hene kaa sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ* 300 ne sika kɔkɔɔ dwetikɛseɛ 30. 15 Ɛnna Hesekia de dwetɛ a ɛwɔ Yehowa fie ne ɔhene fie* akoradeɛ mu no nyinaa maa no.+ 16 Saa berɛ no, Hesekia tutuu* Yehowa asɔrefie no apono+ ne aponnwa a Yuda hene Hesekia ankasa de sika kɔkɔɔ faa ho no,+ na ɔde maa Asiria hene.
17 Na Asiria hene somaa Tartan,* Rabsaris,* ne Rabsake* firii Lakis+ de asraafoɔdɔm kɛseɛ kaa wɔn ho sɛ wɔnkɔ Ɔhene Hesekia nkyɛn wɔ Yerusalem.+ Wɔforo kɔɔ Yerusalem, na wɔkɔeɛ no, baabi a atifi fam tadeɛ no mu nsuo nam no, ɛhɔ na wɔkɔgyinaa wɔ kwantempɔn a ɛkɔ ntomasifoɔ asaase so no so.+ 18 Berɛ a wɔfrɛɛ ɔhene no sɛ ɔmpue mmra no, Hilkia ba Eliakim+ a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna+ a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye na wɔbɛhyiaa wɔn.
19 Ɛnna Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mesrɛ mo, monkɔka nkyerɛ Hesekia sɛ, ‘Deɛ ɔhenkɛseɛ, Asiria hene, aka nie: “Ɛdeɛn koraa na wode wo ho ato so yi?+ 20 Woka sɛ, ‘Mewɔ nyansa ne ahoɔden a mɛtumi de ako,’ nanso ne nyinaa yɛ nsɛnhunu ara kwa. Hwan koraa na wode wo ho ato ne so a enti woayɛ aniammɔnho ate atua atia me yi?+ 21 Hwɛ! Egypt na wode wo ho ato ne so, demmire* a emu abu a sɛ onipa twere a ɛbɛwɔ ne nsam apue yi!+ Saa na Egypt hene Farao teɛ ma wɔn a wɔde wɔn ho ato ne so nyinaa. 22 Na sɛ moka kyerɛ me sɛ, ‘Yehowa, yɛn Nyankopɔn na yɛde yɛn ho ato ne so’+ a, ɛnyɛ ɔno ara na Hesekia atutu ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia+ na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: ‘Afɔrebukyia yi anim na monkoto no wɔ Yerusalem’ no?”’+ 23 Afei wopɛ a, wo ne me wura Asiria hene nto nkyea: Mɛma wo apɔnkɔ 2,000, na hwɛ sɛ wobɛtumi anya mmarima atenatena wɔn so anaa.+ 24 Na sɛ nteaseɛnam ne nnipa a wɔbɛtenatena apɔnkɔ so nti na wode wo ho ato Egypt so a, ɛnneɛ wobɛyɛ dɛn atumi ako atia amrado baako a ɔyɛ me wura nkoa no mu kumaa koraa? 25 Wogye di sɛ Yehowa amma me kwan a anka mɛforo aba sɛ merebɛsɛe ha? Yehowa ankasa na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Foro kɔ asaase yi so kɔsɛe no.’”
26 Ɛnna Hilkia ba Eliakim ne Sebna+ ne Yoa ka kyerɛɛ Rabsake+ sɛ: “Yɛsrɛ wo, wo ne wo nkoa nka Aram kasa,*+ na yɛte; wo ne yɛn nnka Yudafoɔ kasa mmma nkurɔfoɔ a wɔwɔ fasuo no so no nnte.”+ 27 Nanso Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mogye di sɛ mo wura ne mo nko ara nti na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Wɔn a wɔtete ɔfasuo no so no nka ho bi anaa? Wɔn na wɔbɛdi wɔn ankasa tiafi na wɔanom wɔn ankasa dwonsɔ te sɛ mo ara.”
28 Afei Rabsake gyinaa yie, na ɔde nne kɛseɛ teaam wɔ Yudafoɔ kasa mu sɛ: “Montie ɔhenkɛseɛ, Asiria hene no asɛm.+ 29 Deɛ ɔhene aka nie, ‘Mommma Hesekia nnnaadaa mo, na ɔrentumi nnye mo mfiri me nsam.+ 30 Monnni Hesekia akyi mmfa mo ho nnto Yehowa so nnka sɛ: “Sɛdeɛ ɛteɛ biara Yehowa bɛgye yɛn, na ɔremfa kuro yi nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 31 Monntie Hesekia, na Asiria hene aka sɛ: “Mongo mo ho mma me na mommra me nkyɛn,* na obiara bɛdi ɔno ara ne bobe ne ne borɔdɔma, na wanom ɔno ara n’abura mu nsuo 32 kɔsi sɛ mɛba abɛfa mo akɔ asaase a ɛte sɛ mo ara mo asaase so,+ asaase a hwiit* ne bobesa foforɔ wɔ so, asaase a aduane* ne bobefuo* wɔ so, asaase a ngodua ne ɛwoɔ wɔ so. Ɛno bɛma moatena nkwa mu, na moanwuwu. Monntie Hesekia ɛfiri sɛ sɛ ɔka sɛ, ‘Yehowa bɛgye yɛn’ a, na ɔredaadaa mo. 33 Amanaman no anyame no bi atumi agye ne nkurɔfoɔ afiri Asiria hene nsam pɛn? 34 Hamat+ ne Arpad anyame no wɔ he? Sefarwayim,+ Hena, ne Iwa anyame no nso wɔ he? Wɔatumi agye Samaria afiri me nsam anaa?+ 35 Aman yi anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man afiri me nsam a enti Yehowa bɛtumi agye Yerusalem afiri me nsam?”’”+
36 Nanso nkurɔfoɔ no yɛɛ komm na wɔamma no mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ na ɔhene aka sɛ: “Mommmua no.”+ 37 Ɛnna Hilkia ba Eliakim a efie* no hyɛ ne nsa, ne Sebna a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ, ne Asaf ba Yoa a ɔyɛ ɔhene krakye no sunsuan wɔn ntaadeɛ mu kɔɔ Hesekia nkyɛn, na wɔkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.