Ahemfo Nwoma a Ɛtɔ So Mmienu
17 Yuda hene Ahas ahennie afe a ɛtɔ so 12 mu no, Ela ba Hosea+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria mfeɛ nkron. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne, na mmom anto Israel ahemfo a wɔdii no kan no. 3 Asiria hene Salmaneser baa ne so,+ na Hosea bɛyɛɛ n’akoa a ɔtua toɔ ma no.+ 4 Nanso Asiria hene huu sɛ Hosea pɛ sɛ ɔte atua, ɛfiri sɛ ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Egypt hene a wɔfrɛ no So nkyɛn,+ na toɔ a mfeɛ bi a atwam no na ɔtua ma Asiria hene no nso, wantua. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase.
5 Asiria hene de dɔm baa asaase no so, na ɔbaa Samaria bɛtwaa ho hyiaa mfeɛ mmiɛnsa. 6 Hosea ahennie afe a ɛtɔ so nkron mu no, Asiria hene kɔko faa Samaria.+ Afei ɔsoaa Israelfoɔ kɔɔ+ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala ne Habor wɔ Asubɔnten Gosan+ ho ne Mediafoɔ nkuro mu.+
7 Deɛ ɛmaa no baa saa ne sɛ, Yehowa wɔn Nyankopɔn a ɔyii Israelfoɔ firii Egypt asaase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, wɔyɛɛ bɔne tiaa no, na wɔkɔsom* anyame foforɔ;+ 8 Amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no amammerɛ na wɔdii so, na Israel ahemfo amammerɛ a wɔn ara hyehyɛeɛ na wɔdii so.
9 Israelfoɔ yɛɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn ani so bɔne. Wɔsisii sorɔnsorɔmmea* wɔ wɔn nkuro nyinaa mu,+ ɛfiri awɛmfoɔ aban so kɔsi nkuro a wɔabɔ ho ban so.* 10 Wɔsisii abosom adum ne abosonnua*+ wɔ nkokoɔ atenten so ne nnua kusuu nyinaa bi ase;+ 11 wɔkɔɔ so hyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ te sɛ amanaman a Yehowa tuu wɔn ase firii hɔ no.+ Wɔyɛɛ nneɛma bɔne de hyɛɛ Yehowa abufuo.
12 Wɔkɔɔ so som abosom fĩ,*+ nanso na Yehowa aka akyerɛ wɔn sɛ: “Monnyɛ saa!”+ 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ ne adehunufoɔ no nyinaa so+ bɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ sɛ: “Montwe mo ho mfiri mo akwammɔne ho!+ Afei me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ, ne mmara a mede maa mo agyanom na menam me nkoa a wɔyɛ adiyifoɔ no so de brɛɛ mo no nyinaa, monni so.” 14 Nanso wɔantie, na wɔyɛɛ asoɔden* te sɛ wɔn agyanom a wɔannye Yehowa wɔn Nyankopɔn anni no.+ 15 Wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no,+ na wɔkɔdii abosonhunu akyi,+ na wɔn nso bɛyɛɛ nnipahunu,+ na aman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa kaa sɛ mma wɔnnyɛ sɛ wɔn no, wɔn na wɔsuasuaa wɔn.+
16 Wɔgyaa Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ nyinaa, na wɔde dadeɛ yɛɛ nantwie mma ahoni* mmienu,+ wɔyɛɛ ɔbosom dua,*+ wɔkotoo ɔsoro asafo nyinaa,+ na wɔsom Baal.+ 17 Afei nso, wɔhyee wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa wɔ gya mu,*+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa, na wɔsii wɔn bo* sɛ wɔbɛyɛ Yehowa ani so bɔne de ahyɛ no abufuo.
18 Enti Yehowa bo fuu Israel paa, na ɔpoo wɔn koraa.+ Wamma obiara anka asaase no so, gye Yuda abusuakuo no nko ara.
19 Yuda mpo anni Yehowa wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so,+ na mmom Israel ahemfo amammerɛ na wɔn nso dii so.+ 20 Yehowa poo Israel asefoɔ nyinaa, na ɔguu wɔn anim ase de wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa maa wɔfom wɔn nneɛma kɔsii sɛ ɔpoo wɔn koraa. 21 Ɔtee Israel firii Dawid fie ho, na wɔsii Nebat ba Yeroboam hene.+ Nanso Yeroboam twee Israel firii Yehowa ho, na ɔmaa wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ. 22 Na bɔne a Yeroboam yɛeɛ no, ɛno ara bi na Israelfoɔ nso yɛeɛ.+ Wɔantwe wɔn ho amfiri ho, 23 kɔsii sɛ Yehowa poo Israel, sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti wɔtuu Israelfoɔ firii wɔn asaase so kɔɔ Asiria,+ na wɔatena hɔ de abɛsi nnɛ.
24 Ɛnna Asiria hene de nnipa firi Babilon ne Kuta ne Awa ne Hamat ne Sefarwayim+ bɛtenatenaa Samaria nkuro mu, na wɔbɛsii Israelfoɔ ananmu; wɔfaa Samaria nkuro tenatenaa mu. 25 Berɛ a wɔbɛtenaa hɔ no, na wɔnsom* Yehowa. Enti Yehowa maa agyata baa wɔn mu+ bɛkunkum wɔn mu binom. 26 Nkurɔfoɔ kɔbɔɔ Asiria hene amanneɛ sɛ: “Amanaman a wode wɔn akɔgu Samaria nkuro mu no, ɛsiane sɛ wɔnnim sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame nti, ɔma agyata ba wɔn mu bɛkunkum wɔn, ɛfiri sɛ obiara nnim sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame.”
27 Ɛnna Asiria hene kaa sɛ: “Momfa asɔfoɔ a mofaa wɔn firii hɔ kɔeɛ no baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔtena hɔ nkyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔsom asaase no Nyame.” 28 Enti asɔfoɔ a wɔde wɔn firii Samaria kɔeɛ no, wɔmaa baako kɔɔ hɔ, na ɔkɔtenaa Betel+ kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔbɛsom* Yehowa.+
29 Nanso amanaman no biara yɛɛ ne nyame,* na wɔde sisii sorɔnsorɔmmea hɔ adan a Samariafoɔ sisiiɛ no mu. Ɔman biara yɛɛ ne deɛ wɔ kuro a wɔte mu no mu. 30 Babilonfoɔ yɛɛ Sakot-Benot, Kutfoɔ yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ+ nso yɛɛ Asima. 31 Awafoɔ yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwayimfoɔ hyee wɔn mma wɔ gya mu maa Sefarwayimfoɔ+ anyame Adramelek ne Anamelek. 32 Wɔsuroo Yehowa deɛ, nanso na wɔtumi de obiara a ɔwɔ ɔman no mu yɛ ɔsɔfoɔ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ ma no di wɔn anim som wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ adan no mu.+ 33 Ná wɔsuro Yehowa deɛ, nanso wɔn ara wɔn anyame na wɔsom wɔn, sɛdeɛ amanaman a wɔyii wɔn firii wɔn mu baa hɔ no som teɛ.+
34 Ɛnnɛ yi nyinaa, wɔda so ara som te sɛ kane no. Wɔn mu biara nsom* Yehowa, na n’ahyɛdeɛ, n’atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a Yehowa de maa Yakob, a wɔsesaa ne din frɛɛ no Israel no,+ ne mma no mu biara nni so. 35 Berɛ a Yehowa ne wɔn yɛɛ apam no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monhwɛ na moansuro anyame foforɔ, monnkoto wɔn, monnsom wɔn, na mommmɔ afɔreɛ mmma wɔn.+ 36 Na mmom Yehowa a ɔde tumi kɛseɛ ne basa a watene mu yii mo firii Egypt no,+ ɔno na monsom* no,+ na ɔno na monkoto no na mommɔ afɔreɛ mma no. 37 Na ahyɛdeɛ, atemmusɛm, Mmara no, ne mmara nsɛm a ɔtwerɛ maa mo no,+ monhwɛ nni so daa, na monnsom* anyame foforɔ. 38 Apam a me ne mo ayɛ no nso mommma mo werɛ mmfi,+ na monnsom* anyame foforɔ. 39 Yehowa mo Nyankopɔn mmom na monsom* no, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfo nyinaa nsam.”
40 Nanso wɔantie, na mmom wɔkɔɔ so som te sɛ kane no.+ 41 Enti amanaman yi suroo Yehowa deɛ,+ nanso na wɔsan som wɔn ahoni. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso ayɛ de abɛsi nnɛ.