2 Ahemfo
17 Yuda hene Ahas afe a ɛtɔ so dumienu mu no, Ela ba Hosea+ bɛdii Israel so hene wɔ Samaria+ mfeɛ nkron. 2 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne deɛ, nanso anto Israel ahemfo a wɔdii n’anim no.+ 3 Ɔno na Asiria+ hene Salmaneser+ baa ne soɔ, na Hosea bɛyɛɛ n’akoa na ɔfirii aseɛ tuaa toɔ+ maa no. 4 Nanso Asiria hene hunuu sɛ Hosea pɛ sɛ ɔte atua,+ ɛfiri sɛ ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Egypt+ hene a wɔfrɛ no So nkyɛn, na ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua ma Asiria hene no, wantua sɛdeɛ na ɔyɛ kane mfeɛ mu no. Enti Asiria hene kyekyeree no too afiase too ne mu.+
5 Asiria hene tu baa asase no nyinaa so, na ɔbaa Samaria bɛtwaa ho hyiaa+ mfeɛ mmiɛnsa. 6 Hosea afe a ɛtɔ so nkron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfoɔ kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafoɔ nkuro mu.+
7 Deɛ ɛmaa no baa saa ne sɛ, Israelfoɔ yɛɛ bɔne+ tiaa Yehowa wɔn Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Egypt asase so wɔ Egypt hene Farao nsam+ no, na wɔkɔsom anyame foforɔ;+ 8 wɔnantee amanaman a Yehowa pamoo wɔn firii Israelfoɔ anim no ahyɛdeɛ mu,+ ne Israel ahemfo ahyɛdeɛ a wɔn ara wɔhyehyɛeɛ mu. 9 Israelfoɔ yɛɛ Yehowa, wɔn Nyankopɔn ani so bɔne,+ na wɔsisii sorɔnsorɔmmea+ wɔn nkuro nyinaa mu, ɛfiri awɛmfoɔ aban+ so kɔsi kuro a wɔabɔ ho ban so; 10 wɔsisii abosom adum+ ne abosonnua+ wɔ nkokoɔ atenten+ so ne nnua kusuu+ nyinaa bi ase; 11 wɔkɔɔ so hyee afɔrebɔdeɛ wɔ sorɔnsorɔmmea no so sɛ amanaman+ a wɔn nti Yehowa de wɔn kɔɔ nkoasom mu no, na wɔyɛɛ nneɛma bɔne de hyɛɛ Yehowa abufuo.+
12 Wɔsom abosom fĩ+ a Yehowa kaa ho asɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnyɛ saa adeɛ yi”+ no; 13 Yehowa nam n’adiyifoɔ+ nyinaa ne adehunufoɔ+ nyinaa so bɔɔ Israel+ ne Yuda+ kɔkɔ+ sɛ: “Monnane mfiri mo akwammɔne ho,+ na monni me mmara nsɛm+ ne m’ahyɛdeɛ+ so sɛdeɛ mmara+ a mede maa mo agyanom+ na menam me nkoa adiyifoɔ so de brɛɛ mo+ no teɛ”; 14 nanso wɔantie na wɔsensenee wɔn kɔn+ sɛdeɛ wɔn agyanom a wɔannye Yehowa, wɔn Nyankopɔn annie+ no sensenee wɔn kɔn no; 15 wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne apam+ a ɔne wɔn agyanom yɛeɛ ne ne nkaesɛm+ a ɔde bɔɔ wɔn kɔkɔ no, na wɔkɔdii abosonhuhuo+ akyi, na wɔn nso bɛyɛɛ ahuhufoɔ,+ na wɔde suasuaa amanaman a atwa wɔn ho ahyia a Yehowa hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn+ no nyinaa.
16 Wɔgyaa Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ+ nyinaa, na wɔyeyɛɛ dadeɛ ahoni,+ anantwie mma+ mmienu, na wɔyɛɛ bosom dua,+ na wɔkotoo ɔsoro asafo+ nyinaa, na wɔsom Baal;+ 17 wɔmaa wɔn mma mmarima ne wɔn mma mmaa faa gya mu+ na wɔhyehyɛɛ abosonkɔm+ kɔɔ abisa,+ na wɔtɔn+ wɔn ho yɛɛ Yehowa ani so bɔne de hyɛɛ no abufuo.+
18 Enti Yehowa bo fuu+ Israel pii, na ɔyii wɔn firii n’anim.+ Wamma obiara anka, gye Yuda abusuakuo no nko.+
19 Yuda mpo anni Yehowa wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm so,+ na mmom Israel ahemfo ahyɛdeɛ a wɔn ara wɔhyehyɛeɛ no mu na wɔnanteeɛ.+ 20 Ɛno nti Yehowa poo Israel asefoɔ+ nyinaa na ɔbrɛɛ wɔn ase de wɔn hyɛɛ afomfoɔ nsa kɔsii sɛ ɔtoo wɔn firii n’anim tweneeɛ.+ 21 Na ɔtee Israel firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene; Yeroboam+ danee Israel firii Yehowa akyi, na ɔmaa wɔyɛɛ bɔne kɛse.+ 22 Na Israelfoɔ nantee Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ nyinaa mu.+ Wɔantwe wɔn ho amfiri ho, 23 kɔsii sɛ Yehowa too Israel firii n’anim tweneeɛ+ sɛdeɛ ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no nyinaa so kaeɛ no.+ Enti Israel firii wɔn asase so kɔɔ nkoasom mu wɔ Asiria de bɛsi nnɛ.+
24 Ɛnna Asiria hene de nnipa firi Babilon+ ne Kuta ne Awa+ ne Hamat+ ne Sefarwayim+ bɛtenatenaa Samaria nkuro mu,+ na wɔbɛsii Israelfoɔ ananmu, na wɔfaa Samaria tenatenaa ɛhɔ nkuro mu. 25 Berɛ a wɔbɛtenaa hɔ foforɔ no, na wɔnsuro+ Yehowa. Enti Yehowa maa agyata+ kɔɔ wɔn mu kɔkunkum wɔn mu binom. 26 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Asiria hene sɛ: “Amanaman a woafa wɔn nnommum de wɔn akɔtenatena Samaria nkuro mu no, ɛsiane sɛ wɔnnim sɛdeɛ wɔsom asase no Nyame nti, ɔsoma agyata ba wɔn mu;+ na hwɛ! ku ara na wɔrekunkum wɔn, ɛfiri sɛ obiara nnim sɛdeɛ wɔsom asase no Nyame.”
27 Ɛnna Asiria hene hyɛɛ sɛ: “Momfa asɔfoɔ+ a mofaa wɔn nnommum wɔ hɔ no baako nkɔ hɔ, na ɔnkɔtena hɔ nkyerɛkyerɛ wɔn sɛdeɛ wɔsom asase no Nyame.” 28 Enti asɔfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum firii Samaria no baako kɔɔ hɔ, na ɔkɔtenaa Betel+ kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔnsom Yehowa.+
29 Nanso amanaman no biara yɛɛ ne nyame,+ na wɔde wɔn sisii sorɔnsorɔmmea hɔ adan a Samariafoɔ sisiiɛ no mu. Ɔman biara yɛɛ ne deɛ wɔ kuro a wɔte mu no mu. 30 Babilonfoɔ yɛɛ Sakot-Benot, na Kutfoɔ+ yɛɛ Nergal, na Hamatfoɔ nso yɛɛ Asima. 31 Awafoɔ+ yɛɛ Nibhas ne Tartak, na Sefarwayimfoɔ+ hyee wɔn mma egya mu+ maa Sefarwayimfoɔ anyame Adramelek ne Anamelek. 32 Wɔsuroo Yehowa, na wɔyeyɛɛ wɔn man mufoɔ asɔfoɔ+ wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ maa wɔdii wɔn anim som wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ adan no mu. 33 Wɔsuroo Yehowa deɛ,+ nanso wɔn ara wɔn anyame na wɔsom wɔn,+ sɛdeɛ amanaman a wɔyii wɔn firii wɔn mu kɔɔ nkoasom mu no som teɛ.+
34 Ɛde bɛsi nnɛ no, wɔda so ara som sɛdeɛ na wɔyɛ kane no.+ Wɔn mu biara ansom Yehowa,+ na n’ahyɛdeɛ ne n’atemmusɛm+ ne ne mmara+ ne mmara nsɛm+ a Yehowa de maa Yakob+ a ɔbɛfrɛɛ no Israel+ no mma nso, wɔn mu biara anni so; 35 ɛhɔ na Yehowa ne wɔn yɛɛ apam+ na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monnsom anyame foforɔ,+ monnkoto wɔn, monnsom wɔn, na mommmɔ afɔdeɛ mmma wɔn.+ 36 Na Yehowa a ɔde tumi kɛseɛ ne nsa a watene mu+ yii mo firii Egypt no, ɔno na monsom no,+ na ɔno na monkoto no,+ na mommɔ afɔdeɛ mma no.+ 37 Na ahyɛdeɛ+ ne atemmusɛm+ ne mmara ne mmara nsɛm a ɔtwerɛ maa mo+ no, monhwɛ nni so daa;+ monnsom anyame foforɔ. 38 Na apam a me ne mo ayɛ no, mommma mo werɛ mmfiri;+ monnsom anyame foforɔ.+ 39 Yehowa+ mo Nyankopɔn nko ara na monsom no, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye mo afiri mo atamfo nyinaa nsam.”+
40 Nanso wɔantie, na mmom wɔsom sɛdeɛ wɔsom kane no.+ 41 Amanaman yi suroo Yehowa+ deɛ, nanso wɔn ahoni a wɔasene na wɔsom wɔn. Wɔn mma ne wɔn mmanana nso, sɛdeɛ wɔn agyanom yɛeɛ no, saa ara na wɔn nso ayɛ de abɛsi nnɛ.