Exodus 19:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+ Exodus 24:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Afei Mose faa apam+ nwoma no na ɔkenkan kyerɛɛ nkurɔfoɔ no.+ Na wɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛtie na yɛadi so.”+ Deuteronomium 5:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Yehowa yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam wɔ Horeb.+ Deuteronomium 29:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 29 Yei ne apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam no Moab asase soɔ no mu nsɛm. Ɛsono apam a ɔne wɔn pam no Horeb no.+ Yeremia 31:31 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 31 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na me ne Israel+ fie ne Yuda+ fie bɛyɛ apam foforɔ;+
5 Enti sɛ mowɛn mo aso tie+ m’asɛm na modi m’apam+ so a, ɛnneɛ mɛte mo afiri aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapadeɛ titire,+ ɛfiri sɛ asase nyinaa yɛ me dea.+
7 Afei Mose faa apam+ nwoma no na ɔkenkan kyerɛɛ nkurɔfoɔ no.+ Na wɔkaa sɛ: “Deɛ Yehowa aka nyinaa yɛbɛtie na yɛadi so.”+
29 Yei ne apam a Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam no Moab asase soɔ no mu nsɛm. Ɛsono apam a ɔne wɔn pam no Horeb no.+