Yeremia
31 “Saa berɛ no,” Yehowa asɛm nie, “mɛyɛ Israel mmusua nyinaa Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+
2 Deɛ Yehowa aka nie: “Nnipa a wɔfiri nkrantɛ ano firiiɛ no, wɔnyaa adom wɔ serɛ so+ berɛ a Israel nam kwan so rekɔhome no.”+ 3 Yehowa yii ne ho adi kyerɛɛ me akyirikyiri, na ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ a ɛnni awieeɛ na mede adɔ woɔ.+ Ɛno nti na mede adɔeɛ atwe woɔ no.+ 4 Mɛma wo so asi hɔ bio ama woagyina bio,+ O Israel baabunu. Wobɛkurakura wo mpintin, na woasa sɛ wɔn a wɔreseresere.+ 5 Wobɛyeyɛ bobe nturo bio Samaria mmepɔ so.+ Adwumayɛfoɔ no bɛdua na wɔadi so aba.+ 6 Ɛda bi wɔ hɔ a awɛmfoɔ bɛteam Efraim mmepɔ so sɛ, ‘Monsɔre mma yɛmforo nkɔ Sion, na yɛnkɔ Yehowa, yɛn Nyankopɔn no nkyɛn.’”+
7 Deɛ Yehowa aka nie: “Momfa ahurisie nteam Yakob ho, na mommɔ nnye so wɔ amanaman+ no ti. Mommɔ no dawuro.+ Monyi ayɛ na monka sɛ, ‘O Yehowa, gye wo man Israel nkaeɛ+ no.’ 8 Hwɛ, mede wɔn bɛfiri atifi fam+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano afiri asase ano nohoa.+ Wɔn mu anifirafoɔ ne mmubuafoɔ ne apemfoɔ ne wɔn a awoɔ aka wɔn no, mɛboaboa wɔn nyinaa ano.+ Asafo kɛseɛ na wɔbɛsan aba ha.+ 9 Esũ na wɔde bɛba,+ na wɔn nkotɔsrɛ mu na mede wɔn bɛba. Mɛma wɔafa kwan tẽẽ so akɔ asutene ho,+ na wɔrensunti wɔ so. Meyɛ Israel Agya,+ na Efraim yɛ m’abakan.”+
10 Amanaman, montie Yehowa asɛm, na monka no nsuano aman a ɛwɔ akyirikyiri+ no so sɛ: “Deɛ ɔbɔɔ Israel hweteeɛ no, ɔno ara bɛboaboa wɔn ano,+ na ɔbɛhwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ yɛ ne nnwankuo.+ 11 Gye na Yehowa bɛgye Yakob,+ na wayi no afiri deɛ ne ho yɛ den sene no no nsam.+ 12 Na wɔbɛba abɛto ahurisi dwom Sion bepɔ so+ na wɔabɔ ose Yehowa papayɛ ho,+ ayuo ne nsã+ foforɔ ne ngo ne nnwammaa ne anantwie+ ho. Wɔn akra bɛyɛ sɛ turo a ɛnya nsuo pii,+ na wɔrentotɔ piti bio.”+
13 “Saa berɛ no, mmaabunu bɛdi ahurisie wɔ asa mu, na mmeranteɛ ne nkɔkoraa nso bɛbom anya anigyeɛ.+ Mɛma wɔn awerɛhoɔ adane ahurisie, na mɛkyekyere wɔn werɛ na mama wɔadi ahurisie afiri wɔn awerɛhoɔ no mu.+ 14 Na mɛma sradeɛ amee asɔfoɔ no kra,+ na me papayɛ bɛma me man amee,”+ Yehowa asɛm nie.
15 “Deɛ Yehowa aka nie, ‘Wɔte nne bi wɔ Rama,+ agyaadwoɔ ne esũ yaya;+ ɛyɛ Rahel+ na ɔresu ne mma.+ Wɔkyekyere ne werɛ ne mma ho a, ɔntie,+ ɛfiri sɛ wɔnni hɔ bio.’”+
16 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sianka wo nne na woansu, ne w’ani na ansene nisuo,+ na w’adwuma so akatua wɔ hɔ,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wɔbɛsan afiri ɔtamfo asase no so aba.’+
17 “‘Anidasoɔ+ wɔ hɔ ma wo daakye,’ Yehowa asɛm nie, ‘na wo mma no bɛsan aba wɔn asase so bio.’”+
18 “Mate sɛ Efraim redi awerɛhoɔ sɛ,+ ‘Watene me so sɛ nantwie ba a wɔntetee no,+ na matene.+ Ma mensan mmra wo nkyɛn, na mɛsan aba ntɛm,+ ɛfiri sɛ wone Yehowa me Nyankopɔn.+ 19 Berɛ a mesan m’akyi no, ɛyɛɛ me ya,+ na berɛ a wɔmaa mehunuiɛ no, mebɔɔ me srɛ ho.+ Mefɛreeɛ, na m’ani wuiɛ,+ ɛfiri sɛ mesoaa me mmeranteberɛ mu ahohora.’”+
20 “Efraim yɛ ɔba a ɔsom bo ma me, anaasɛ ɔba a mepɛ n’asɛm yie anaa?+ Dodoɔ a mekasa tia no no, dodoɔ no ara na mɛkae no.+ Ɛno nti na me nsono mu twitwa me ne ho no.+ Hu ara na mɛhu no mmɔbɔ,”+ Yehowa asɛm nie.
21 “Sisi aboɔ hyɛ kwan no nso fa. Sisi kwan so ahyɛnsodeɛ fa.+ Fa w’akoma si ɔkwantempɔn no so, ɛkwan a wobɛfa soɔ no.+ San bra, O Israel ɔbaabunu. San bra wo nkuro yi mu.+ 22 Ɔbabaa nkontomponi,+ wobɛkɔ ha akɔ ha akɔsi da bɛn?+ Yehowa abɔ ade foforɔ asase so: Ɔbaa na ɔbɛkyekyere ɔbarima.”
23 Deɛ asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka nie: “Sɛ meboaboa wɔn atukɔfoɔ no ano a, wɔbɛsan aka asɛm yi bio wɔ Yuda asase ne ne nkuro mu sɛ, ‘O tenenee tenabea,+ bepɔ kronkron,+ Yehowa nhyira wo.’+ 24 Emu na Yuda ne ne nkuro nyinaa bɛbom atena, akuafoɔ ne wɔn a wɔne nnwankuo kyinkyini.+ 25 Mɛma ɔkra a wabrɛ ahome, na mahyɛ ɔkra biara a watɔ piti mã.”+
26 Yei so na menyaneeɛ, na mehunuiɛ; me nna yɛɛ me dɛ.
27 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛgu nnipa ne afieboa sɛ aba wɔ Israel fie ne Yuda fie.”+
28 “Na sɛdeɛ mede m’ani sii wɔn soɔ+ sɛ mɛtutu wɔn ase na madwiri wɔn agu abubu wɔn na masɛe wɔn ayɛ wɔn bɔne+ no, saa ara na mɛma m’ani aba wɔn soɔ na mama wɔn so asi hɔ na madua wɔn,”+ Yehowa asɛm nie. 29 “Saa berɛ no, wɔrenka bio sɛ, ‘Agyanom adi bobebunu, na mma na wɔn sẽ afem.’+ 30 Obiara bɛwu ɔno ara ne bɔne ho.+ Obiara a ɔbɛdi bobebunu no, ɔno ara na ne sẽ bɛfem.”
31 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na me ne Israel+ fie ne Yuda+ fie bɛyɛ apam foforɔ;+ 32 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ, ɛda a mesosɔɔ wɔn nsa yii wɔn firii Egypt asase soɔ,+ ‘a wɔn deɛ, wɔbuu m’apam so+ berɛ a meyɛ wɔn wura+ no,’ Yehowa asɛm nie.”
33 “Yei ne apam+ a me ne Israel fie bɛyɛ no nna no akyi,”+ Yehowa asɛm nie. “Mede me mmara bɛhyɛ wɔn mu+ na matwerɛ no wɔn akomam.+ Na mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.”+
34 “Na obi renkyerɛ ne yɔnko ne ne nua bio+ sɛ, ‘Monhunu Yehowa!’+ Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bɛhu me, ɛfiri kumaa so kɔsi kɛseɛ so,”+ Yehowa asɛm nie. “Na mede wɔn mfomsoɔ bɛfiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”+
35 Yehowa a ɔma awia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama bosome+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ deɛ ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, deɛ waka nie: 36 “‘Sɛ ahyɛdeɛ yi bɛtumi afiri m’anim a,’+ Yehowa asɛm nie, ‘ɛnneɛ wɔn a wɔyɛ Israel asefoɔ nso renyɛ ɔman wɔ m’anim bio.’”+
37 Deɛ Yehowa aka nie: “‘Sɛ obi bɛtumi asusu ɔsoro, na wahwehwɛ asase fapem mu a,+ ɛnneɛ me nso mɛpo Israel asefoɔ nyinaa, deɛ wɔayɛ nyinaa nti,’+ Yehowa asɛm nie.”
38 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na wɔbɛkyekyere kuro no+ ama Yehowa afiri Hananel Abantenten+ ho akɔsi Ntwea Pono+ no ho. 39 Susuhoma+ bɛfiri akɔ Gareb kokoɔ so tẽẽ, na adane akɔ Goa. 40 Na afunu+ ne nsõ*+ bɔn no ne mfuwa no nyinaa de kɔsi Kidron subɔn+ mu ne Apɔnkɔ Pono+ ntwea so, apueeɛ fam, bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa.+ Wɔrentutu aseɛ, na wɔrennwiri ngu bio da.”+