Yeremia 1:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so+ sɛ tutu na bubu na sɛe na dwiri gu+ na si na dua nso.”+ Yeremia 30:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mu atukɔfoɔ no ano+ na mahunu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no+ so, na abantenten no bɛsi ne sibea bio.+ Yeremia 33:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na mɛsan de Yuda atukɔfoɔ ne Israel atukɔfoɔ no aba,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛ kane no.+ Amos 9:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 “‘Saa da no mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no so agyina hɔ+ na matuatua wɔn mu ntokuro. Mɛma n’amamfõ so agyina hɔ na makyekyere sɛ tete nna no,+
10 Hwɛ, ɛnnɛ da yi mede wo asi amanaman ne ahennie ahodoɔ so+ sɛ tutu na bubu na sɛe na dwiri gu+ na si na dua nso.”+
18 Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntomadan mu atukɔfoɔ no ano+ na mahunu ne ntomadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekyere kuro no asi ne bepɔ no+ so, na abantenten no bɛsi ne sibea bio.+
11 “‘Saa da no mɛma Dawid sese a ahwe aseɛ no so agyina hɔ+ na matuatua wɔn mu ntokuro. Mɛma n’amamfõ so agyina hɔ na makyekyere sɛ tete nna no,+