6 Wɔawo akɔkoaa ama yɛn,+ wɔama yɛn ɔbabarima,+ na n’ahennie bɛda ne mmatiri so.+ Na wɔbɛfrɛ ne din sɛ Ɔfotufoɔ Nwanwafoɔ,+ Onyame Tumfoɔ,+ Daa Agya,+ Asomdwoeɛ Hene.+
5 “Hwɛ, nna bi reba,” Yehowa asɛm nie, “na mɛma tenenee duforɔ bi so ama Dawid.+ Ɔhene bi bɛdi hene,+ na ɔde nyansa bɛyɛ adeɛ na wabu atɛntenenee ayɛ adetenenee asase no so.+
24 Na wuram nnua nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa+ na mabrɛ dua tenten no aseɛ,+ na mama dua a ɛwɔ fam so;+ mama dua mono awu,+ na mama duawuiɛ afefɛ. Me Yehowa na maka, na mayɛ nso.”’”+
8 Saa da no, Yehowa bɛbɔ Yerusalemfoɔ ho ban,+ na wɔn mu deɛ wayɛ mmerɛ no ayɛ sɛ Dawid,+ na Dawid fie ayɛ sɛ Onyame,+ te sɛ Yehowa bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim no.+