Hesekiel
21 Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 2 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem na woro+ nsɛm gu kronkronbea hɔ,+ na hyɛ nkɔm tia Israel asase.+ 3 Ka kyerɛ Israel asase sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Hwɛ, me ne wo anya asɛm,+ na mɛtwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu+ atwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ afiri asase no so.+ 4 Enti me nkrantɛ bɛfiri ne bɔha mu aba honam nyinaa so, firi anafoɔ akɔsi atifi,+ na mɛtwa ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ afiri asase no so. 5 Na honam nyinaa bɛhunu sɛ me Yehowa na matwe me nkrantɛ afiri ne bɔha mu.+ Ɛrensan nkɔ n’akyi bio.”’+
6 “Onipa ba, fa ahopopoɔ*+ si apini. Fa awerɛhoɔ si apini wɔn anim.+ 7 Sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn nti na woresi apini?’ a,+ ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Amanneɛbɔ bi ntira.’+ Na ɛbɛba mu,+ na akoma nyinaa bɛnane+ na nsa nyinaa adwodwo na honhom nyinaa aboto na nkotodwe nyinaa aporo nsuo.*+ ‘Hwɛ, ɛbɛba mu ɛkwan biara so,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
8 Na Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: 9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Ka sɛ, ‘Nkrantɛ, nkrantɛ!+ Wɔase ano,+ na wɔatwi ho. 10 Wɔase ano sɛ ɛnkum; wɔatwi ho ama ɛretwa nyinamnyinam.’”’”+
“Yɛnni ahurisie anaa?”+
“‘Ɛbɛpo me ara me ba+ ahempoma,+ sɛdeɛ ɛpo dua biara anaa?+
11 “‘Wɔde ama sɛ wɔntwi ho, sɛdeɛ wɔde nsa bɛkura mu. Wɔase nkrantɛ no ano, wɔatwi ho sɛ wɔde bɛhyɛ okumfoɔ nsam.+
12 “‘Onipa ba, su na twa adwo,+ ɛfiri sɛ nkrantɛ aba me man so;+ aba Israel aberempɔn+ nyinaa so. Wɔde wɔne me man ama nkrantɛ.+ Enti bɔ wo srɛ ho.+ 13 Wɔasɔ ahwɛ,+ na sɛ ɛpo ahempoma+ no a, ɛdeɛn na ɛbɛsie? Ɛrenkɔ so ntena hɔ,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.
14 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam,+ na ka ‘Nkrantɛ!’ mprɛnsa.+ Ɛyɛ awufoɔ nkrantɛ. Ɛyɛ otitire a wawuo nkrantɛ, na ɛdi wɔn so kyinhyia.+ 15 Deɛ ɛbɛyɛ na akoma anane+ na wɔn a wɔbɛka wɔn agu wɔn apono nyinaa ano+ adɔɔso no, mede nkrantɛ bɛdwerɛ wɔn. Hwɛ, ɛho retwa yerɛwyerɛw, na wɔatwi ho sɛ ɛnkum!+ 16 Ma w’ano nyɛ nnam;+ kɔ nifa! Gyina w’afã; kɔ benkum! Baabiara a wɔde w’ani bɛkyerɛ biara! 17 Na mɛbɔ me nsam+ na m’abufuo+ ano abrɛ ase.+ Me Yehowa na maka.”
18 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 19 “Onipa ba, yɛ akwan mmienu ma Babilon hene nkrantɛ mfa so mmra.+ Ma mmienu no nyinaa mfiri asase baako so, na yɛ akyerɛkyerɛkwan;+ yɛ no kuro no nkwanta so. 20 Siesie kwan ma nkrantɛ no nkɔ Ammonfoɔ kuro Raba+ mu, na baako nkɔ Yuda, Yerusalem kuro a ɛyɛ den no mu.+ 21 Babilon hene gyina nkwanta no so, akwan mmienu no nkwanta so, rekɔ abisa.+ Wawoso agyan no. Ɔnam terafim ahoni+ so abisa; wahwɛ berɛboɔ mu. 22 Na deɛ adebisa no maa no hunuu no ne nsa nifa mu ne Yerusalem, sɛ ɔnhyehyɛ mfidie a wɔde dwiri afasuo,+ na ɔnka okum ho asɛm, ɔnhyɛne ɛko totorobɛnto,+ ɔmfa mfidie nnwiri kuro no apono ngu, ɔnsi pampim ntwa ho nhyia, na ɔnto akoban.+ 23 Na ɛyɛɛ wɔn ani so sɛ nkɔntorɔ+—wɔn a wɔaka ntam no.+ Ɔbɛkae wɔn bɔne+ na wakye wɔn.+
24 “Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Ɛsiane sɛ moama wɔakae mo amumuyɔ na mo mmarato ho ada hɔ ama wɔahunu mo bɔne wɔ biribiara mu nti, ɛsiane sɛ wɔkae mo nti,+ wɔde nsa bɛkye mo.’+
25 “Israel ɔberempɔn+ mumuyɔfoɔ+ a woapira pirabɔne a wo da aduro, amumuyɔ berɛ a ɛtwa toɔ mu,+ 26 deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie, ‘Yi abotitene no na tu ahemmotire no.+ Ɛrenyɛ sɛdeɛ ɛteɛ no bio.+ Deɛ abrɛ aseɛ no, ma so;+ na deɛ ɛwɔ soro no, brɛ no ase.+ 27 Ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ, ɔsɛeɛ na mɛma no aba.+ Na yei nso renyɛ obiara dea kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba,+ na mede bɛma no.’+
28 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka afa Ammonfoɔ ne ahohora a wɔde aba ho nie.’ Ka sɛ, ‘Nkrantɛ, wɔatwe nkrantɛ a wɔde bɛkum, na wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛho ntwa yerɛwyerɛw.+ 29 Na wɔka anisoadehunu a ɛnyɛ nokorɛ hyɛ nkɔntorɔ+ kyerɛ wo, sɛdeɛ wɔde wo bɛto abɔnefoɔ a wɔawuwuo kɔn ho, amumuyɔfoɔ a wɔn da aduro, amumuyɔ berɛ a ɛtwa toɔ mu.+ 30 San fa hyɛ ne bɔha mu. Faako a wɔbɔɔ woɔ, asase a wɔwoo wo soɔ+ no so na mɛbu wo atɛn. 31 Mɛhwie m’abufuo agu wo so. Na mɛfite m’anibereɛ gya mu wo so,+ na mede wo bɛhyɛ nnipa a wɔnni adwene a wɔde adesɛeɛ ayɛ wɔn adwuma no nsa.+ 32 Wɔde wo bɛsɔ gya,+ na wo mogya bɛtene afa asase no so, na wɔrenkae wo bio. Me Yehowa na maka.’”+